Esra
5 Afei odiyifoɔ Hagai+ ne Ido+ banana odiyifoɔ Sakaria+ kasa kyerɛɛ Yudafoɔ a na wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no wɔ Israel Nyankopɔn a na ɔka wɔn ho no din mu. 2 Saa berɛ no mu na Sealtiel ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ firii aseɛ sii Onyankopɔn fie+ a ɛwɔ Yerusalem no; ná Onyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho reboa wɔn.+ 3 Ɛnna Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no* agya ne Setar-Bosenai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn nkyɛn bɛbisaa wɔn sɛ: “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsi efie yi, a mode nnua agyina ɛdan yi?” 4 Na wɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima a wɔresi dan yi, mommɔ wɔn din nkyerɛ yɛn.” 5 Nanso na Onyankopɔn ka Yuda mpanimfoɔ no ho,*+ enti nkurɔfoɔ no ansi wɔn kwan na mmom wɔtwɛn kɔsii sɛ wɔbɛkɔ akɔbɔ Dario amanneɛ ama watwerɛ krataa abɛka asɛm no ho biribi.
6 Krataa a Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no agya ne Setar-Bosenai ne ne mfɛfoɔ, amansini asoafoɔ a wɔwɔ asuogya hɔ de kɔmaa Ɔhene Dario no mu nsɛm nie; 7 deɛ wɔtwerɛ kɔmaa no ne sɛ:
“Yɛde kɔma Ɔhene Dario:
“Asomdwoeɛ nka wo! 8 Ma ɔhene nhu sɛ, yɛsiim kɔɔ Onyankopɔn kɛseɛ no fie a ɛwɔ Yuda mantam mu no. Yɛkɔhuu sɛ wɔde aboɔ akɛseɛ resi na wɔde nnua rehyehyɛ afasuo no mu. Wɔn ani abere reyɛ adwuma no dendeenden na ɛrenya nkɔsoɔ. 9 Ɛnna yɛbisaa wɔn mpanimfoɔ no sɛ: ‘Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsi efie yi, a mode nnua agyina ɛdan yi?’+ 10 Afei nso, yɛbisaa mmarima a wɔdi wɔn anim no din, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi atwerɛ abrɛ wo ama woahunu.
11 “Deɛ wɔkaeɛ nie: ‘Yɛyɛ ɔsoro ne asaase Nyankopɔn no nkoa, na efie a mfeɛ pii nie Israel hene kɛseɛ bi si wieeɛ no, ɛno na yɛresan asi bio.+ 12 Ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no abufuo nti,+ ɔde wɔn hyɛɛ Babilon hene Nebukadnesar,+ Kaldeani no nsa, na ɔdwirii efie yi guiɛ,+ na ɔsoaa ɔman no kɔɔ Babilon.+ 13 Nanso Babilon hene Kores afe a ɛdi kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie+ yi. 14 Afei nso, Onyankopɔn fie sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a Nebukadnesar sesa firii asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon asɔredan mu no,+ Ɔhene Kores yiyi firii Babilon asɔredan no mu de maa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sesbasar*+ a Kores yɛɛ no amrado+ no. 15 Kores ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nneɛma yi kɔ, na fa kɔgu asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wɔnsi Onyankopɔn fie no nsi ne siberɛ.”+ 16 Enti Sesbasar baeɛ, na ɔbɛtoo Onyankopɔn fie+ a ɛwɔ Yerusalem no fapem; ɛfiri saa berɛ no yɛgu so resi a yɛnwieeɛ.’+
17 “Afei sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ akoradeɛ a ɛwɔ ɔhene fie wɔ Babilon no mu nhwɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie no wɔ Yerusalem+ anaa; ma ɔhene nsoma mmɛka gyinaeɛ a wasi wɔ asɛm yi ho nkyerɛ yɛn.”