Esra
6 Ɛnna Ɔhene Dario kaa sɛ wɔnkɔhwehwɛ, na wɔkɔhwehwɛɛ ɛdan a wɔde twerɛtohɔ ne akoradeɛ sie mu wɔ Babilon no mu. 2 Na wɔkɔhuu nwoma mmobɔeɛ bi wɔ Ekbatana abankɛseɛ mu wɔ Media mantam mu; asɛm a na wɔatwerɛ wom nie:
3 “Ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem+ no ho sɛ: ‘Wɔnsan nsi efie no mma no nyɛ baabi a wɔbɔ afɔreɛ. Ne tenten nyɛ basafa 60* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa 60; wɔnto ne fapem no yie.+ 4 Wɔmfa aboɔ akɛseɛ a ɛdeda so mmiɛnsa mmiɛnsa ntoa fapem no so, na wɔmfa nnua ntoa so;+ ɛho sika nyinaa, wɔnnye mfiri ɔhene fie.+ 5 Onyankopɔn fie sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a Nebukadnesar sesa firii asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon no+ nso, wɔnyiyi na wɔnsan mfa nkɔ Yerusalem asɔrefie nkɔgu faako a ɛgu wɔ Onyankopɔn fie+ hɔ.’
6 “Enti Tatenai a woyɛ amrado wɔ Asubɔnten no* agya, ne Setar-Bosenai ne mo mfɛfoɔ, amansini asoafoɔ a mowɔ asuogya+ hɔ no, monhwɛ na moankɔ hɔ. 7 Mommfa mo asɛm nnkɔ Onyankopɔn fie adwuma no so. Yuda amrado ne Yuda mpanimfoɔ no bɛsi Onyankopɔn fie no asi ne siberɛ. 8 Afei nso, merehyɛ mmara ama moahunu deɛ mode bɛma Yuda mpanimfoɔ no de asi Onyankopɔn fie no bio; toɔ a wɔgyegye no Asubɔnten no agya ma ɔhene no,+ wɔmfa bi mma mmarima no ntɛm mma wɔmfa nsi dan no; wɔmfa mma wɔn daa.+ 9 Na nneɛma a wɔhia nyinaa, anantwie mma,+ adwennini,+ ne nnwan mma+ a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama ɔsoro Nyankopɔn, ne hwiit+ ne nkyene+ ne bobesa+ ne ngo;+ deɛ asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem bɛka no, da biara wɔmfa mma wɔn; wɔnnyae da. 10 Ɛno bɛma daa wɔatumi abɔ afɔreɛ a ɛsɔ ɔsoro Nyankopɔn ani na wɔabɔ mpaeɛ asrɛ nkwa tenten ama ɔhene ne ne mma.+ 11 Mahyɛ nso sɛ obiara a ɔbɛbu mmara yi so no, wɔnyi ne dan so dua na wɔnsɛn no wɔ so, na wɔmfa ne fie nyɛ agyananbea.* 12 Na ɔhene anaa ɔman biara a ɔbɛbu mmara yi so na watene ne nsa asɛe Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, Onyankopɔn a wama ne din atena hɔ no+ nnane wɔn ahennie mmutu. Me Dario na mahyɛ mmara yi. Ma wɔnyɛ no ntɛm.”
13 Ntɛmpa ara na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no agya ne Setar-Bosenai+ ne wɔn mfɛfoɔ no yɛɛ deɛ Ɔhene Dario kaa sɛ wɔnyɛ no nyinaa. 14 Na Yuda mpanimfoɔ no annyae fie no si,+ na odiyifoɔ Hagai+ ne Ido banana Sakaria+ nkɔmhyɛ no kanyan wɔn maa wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no; wɔsi wiee sɛdeɛ Israel Nyankopɔn ahyɛdeɛ+ ne Kores+ ne Dario+ ne Persia hene Artasasta+ ahyɛdeɛ no teɛ. 15 Wɔsii fie yi wiee bosome Adar* da a ɛtɔ so mmiɛnsa, Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nsia mu.
16 Ɛnna Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ,+ ne ɔmanfoɔ nkaeɛ a wɔkɔdii obi man so a wɔasan aba no de anigyeɛ buee Onyankopɔn fie no ano.* 17 Na wɔde anantwinini 100, adwennini 200, ne nnwan mma 400 baa sɛ wɔmfa mmue Onyankopɔn fie no ano; ɛne mpɔnkyenini 12 a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ama Israel nyinaa sɛdeɛ Israel mmusuakuo no dodoɔ teɛ.+ 18 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose nwoma no mu no,+ wɔhyehyɛɛ asɔfoɔ no sɛdeɛ wɔn akuo teɛ, na wɔde Lewifoɔ no nso tuatuaa wɔn nnwuma ano sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ maa Onyankopɔn som adwuma wɔ Yerusalem.+
19 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no, wɔn a wɔkɔdii obi man so a wɔasan aba no dii Twam no.+ 20 Saa berɛ no, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nyinaa adwira wɔn ho+ ama wɔn ho ate, enti wɔkum Twam dwan no de bɔɔ afɔreɛ maa wɔn a wɔasan aba no, ne wɔn nuanom asɔfoɔ no ne wɔn ankasa ho. 21 Na Israelfoɔ a wɔasan aba wɔn kurom no dii bi. Ná ebinom nso ate wɔn ho afiri asaase no so aman no bra fĩ* ho aba wɔn nkyɛn abɛsom* Israel Nyankopɔn Yehowa; wɔn nyinaa nso dii bi.+ 22 Afei nso, wɔde anigyeɛ dii Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ+ no nnanson; Yehowa maa wɔn ani gyeeɛ, na ɔmaa Asiria hene nyaa wɔn ho adwempa,+ na ɔboaa wɔn* wɔ nokorɛ Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn fie adwuma no ho.