Esra
4 Berɛ a Yuda ne Benyamin atamfo+ tee sɛ wɔn a wɔkɔdii obi man so a wɔasan aba no+ resi asɔrefie ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, 2 ntɛm ara na wɔkɔɔ Serubabel ne agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛne mo nsi dan no, ɛfiri sɛ yɛsom mo Nyankopɔn*+ te sɛ mo ara, na ɛfiri Asiria hene Esar-Haddon+ a ɔde yɛn baa ha no+ berɛ so na yɛabɔ afɔreɛ ama no.” 3 Nanso Serubabel ne Yesua ne Israel agyanom mmusua mu mpanimfoɔ a aka no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛne mo nni hwee yɛ wɔ yɛn Nyankopɔn dan a yɛresi no mu,+ yɛn nko ara yɛbɛsi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persia hene Kores ama yɛn ahyɛdeɛ no.”+
4 Ɛfiri saa berɛ no, daa na asaase no sofoɔ bu Yudafoɔ no abam* na wɔtu wɔn akoma wɔ ɛdan no sie ho.+ 5 Wɔbɔɔ afotufoɔ paa sɛ wɔnsɛe Yudafoɔ no agyinatuo+ wɔ Persia hene Kores nna nyinaa mu, na wɔkɔɔ so ara yɛɛ saa kɔsii Persia hene Dario+ berɛ so. 6 Ahasweros ahennie no mfitiaseɛ no, wɔtwerɛɛ krataa de bɔɔ wɔn a wɔtete Yuda ne Yerusalem soboɔ. 7 Persia hene Artasasta berɛ so nso, Bislam, Mitredat, Tabeel, ne ne mfɛfoɔ twerɛɛ krataa kɔmaa Ɔhene Artasasta; wɔkyerɛɛ aseɛ kɔɔ Aram kasa+ mu; wɔde Aram ntwerɛdeɛ na ɛtwerɛeɛ.*
8 * Ɔhene soafoɔ panin Rehum ne ɔtwerɛfoɔ Simsai twerɛɛ krataa kɔmaa Ɔhene Artasasta de bɔɔ Yerusalemfoɔ soboɔ. 9 (Wɔn a wɔka ho nie: Ɔhene soafoɔ panin Rehum ne ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ a aka no ne atemmufoɔ, amansini asoafoɔ, atwerɛfoɔ, wɔn a wɔfiri Erek,+ Babilonia, ne Susa,+ kyerɛ sɛ, Elamfoɔ.+ 10 Ebi nso ne aman a aka a onimuonyamfoɔ kɛseɛ Asenapar tuu wɔn ase kɔɔ Samaria nkuro mu+ ne wɔn a wɔaka a wɔwɔ Asubɔnten no* agya no; 11 krataa a wɔde kɔmaa no no mu nsɛm nie:)
“Yɛde kɔma Ɔhene Artasasta; ɛfiri wo nkoa a wɔwɔ Asubɔnten no agya no hɔ: 12 Ma ɔhene nhu sɛ Yudafoɔ a wɔfirii wo nkyɛn baa ha no abɛduru Yerusalem, na wɔresan akyekyere atuatefoɔ kuro bɔne no; wɔreto afasuo no,+ na wɔresan ato fapem no. 13 Enti ma ɔhene nhu sɛ, sɛ wɔsan kyekyere kuro yi na wɔsi n’afasuo no wie a, wɔrenyɛ amanneɛ anaa wɔrentua akwan so toɔ anaa toɔ+ biara, na ahemfo rennya hwee wɔ wɔn akoradeɛ mu. 14 Na ɛsiane sɛ w’ahemfie na yɛdi nkyene* nti, yɛrentumi nhwɛ mma deɛ ɛsɛ ɔhene mmɔ no, enti na yɛasoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ ɔhene no. 15 Enti ma wɔnhwehwɛ w’agyanom twerɛtohɔ+ mu, na wobɛhu wɔ mu sɛ saa kuro no yɛ atuatefoɔ kuro a ɛsɛ sɛ ahemfo ne amantam hwɛ wɔn yie paa, na ɛfiri tete na emu nnipa apiapia nkurɔfoɔ ama wɔate atua. Ɛno nti na wɔsɛee kuro no.+ 16 Enti yɛrema ɔhene ahu sɛ, sɛ wɔsan kyekyere saa kuro no na wɔwie n’afasuo no a, nsaase a ɛwɔ Asubɔnten yi agya+ ha bɛfiri wo nsa.”
17 Ɔhene no soma maa wɔde mmuaeɛ brɛɛ ɔhene soafoɔ panin Rehum ne ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ a aka a wɔtete Samaria ne wɔn a wɔaka a wɔtete Asubɔnten no agya no sɛ:
“Asomdwoeɛ nka mo! 18 Krataa a mode brɛɛ yɛn no, wɔakenkan ama emu ada hɔ* wɔ m’anim. 19 Me nso mahyɛ ama wɔahwehwɛ mu, na wɔahu sɛ ɛfiri tete na kuro no ne ahemfo adi asie, na ɔsɔretia ne atuateɛ akɔ so wɔ hɔ.+ 20 Ahemfo akɛseɛ na wɔdii Yerusalem so, na wɔdii wɔn a wɔtete Asubɔnten no agya nyinaa nso so; wɔgyegyee amanneɛ ne toɔ ahodoɔ. 21 Enti monhyɛ mma saa mmarima no nnyae adwuma no; wɔnnyae kuro no kyekyere kɔsi sɛ mɛhyɛ mmara foforɔ. 22 Monhwɛ yie na moammu mo ani angu ahyɛdeɛ yi so na ɔhene anhwere ade kɛseɛ.”+
23 Berɛ a wɔkenkan Ɔhene Artasasta krataa no wɔ Rehum ne ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ anim no, ntɛm ara na wɔkɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem kɔhyɛɛ wɔn maa wɔgyaee adwuma no. 24 Saa berɛ no na wɔgyaee Onyankopɔn fie no ho adwuma a na wɔreyɛ wɔ Yerusalem no; wɔgyae kɔsii Persia hene Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no mu.+