Esra
4 Berɛ a Yuda ne Benyamin atamfo+ tee sɛ atukɔfoɔ+ mma no resi asɔrefie ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, 2 ntɛm ara na wɔkɔɔ Serubabel+ ne agyanom mmusua mu atitire+ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛne mo nsi dan no,+ ɛfiri sɛ yɛhwehwɛ mo Nyankopɔn akyiri kwan te sɛ mo ara,+ na ɛfiri Asiria hene Esar-Haddon+ a ɔde yɛn baa ha+ no berɛ so na yɛabɔ afɔdeɛ ama no.” 3 Nanso Serubabel ne Yesua+ ne Israel agyanom mmusua mu atitire+ nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛne mo nni hwee yɛ wɔ yɛn Nyankopɔn dan a yɛresie no mu,+ yɛn nko ara yɛbɛsi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persia hene Kores+ ahyɛ yɛn no.”
4 Ɛnna asase no sofoɔ maa Yudafoɔ no nsam goeɛ+ na wɔtuu wɔn akoma wɔ adansie+ no ho daa, 5 na wɔbɔɔ afotufoɔ paa+ maa wɔsɛee wɔn agyinatuo wɔ Persia hene Kores nna nyinaa mu de kɔsii Persia hene Dario+ berɛ so. 6 Na Ahasweros ahennie mu no, wɔtwerɛɛ krataa de bɔɔ wɔn a wɔtete Yuda ne Yerusalem soboɔ+ wɔ n’ahennie no mfitiaseɛ. 7 Na Artasasta berɛ so nso, Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfoɔ twerɛɛ krataa kɔmaa Persia hene Artasasta; wɔkyerɛɛ aseɛ kɔɔ Aram+ kasa mu, ɛnna wɔde Aram ntwerɛeɛ twerɛeɛ.
8 Ɔhene soafoɔ panin Rehum ne ɔtwerɛfoɔ Simsai twerɛɛ krataa kɔmaa Ɔhene Artasasta de tiaa Yerusalemfoɔ. 9 Wɔn a wɔka ho nie: Ɔhene soafoɔ panin Rehum+ ne ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ nkaeɛ no ne atemmufoɔ ne amansini asoafoɔ a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ+ no agya, atwerɛfoɔ,+ wɔn a wɔfiri Erek,+ Babilonia,+ Susa,+ kyerɛ sɛ, Elamfoɔ,+ 10 ne aman a aka+ a onimuonyamfoɔ kɛseɛ Asenapar+ faa wɔn nnommum de wɔn kɔtenaa Samaria nkuro+ mu ne wɔn a wɔaka a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ no agya no, ——; afei 11 krataa no mu nsɛm nie:
“De kɔma Ɔhene Artasasta;+ ɛfiri wo nkoa a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ no agya no hɔ: 12 Ma ɔhene nhunu sɛ Yudafoɔ a wɔfiri wo nkyɛn baa ha no aba Yerusalem, na wɔresi atuatefoɔ kuro bɔne no; wɔreto afasuo+ no na wɔresan ato fapem no. 13 Enti ma ɔhene nhunu sɛ, sɛ wɔsan kyekyere kuro yi na wɔsi n’afasuo no wie a, wɔrentua toɔ+ anaa amanneɛ+ anaa akwan so toɔ biara, na ahemfo no rennya hwee wɔ wɔn akoradeɛ+ mu. 14 Na ɛsiane sɛ w’ahemfie na yɛdi nkyene nti, yɛrentumi nhwɛ mma deɛ ɛsɛ ɔhene mmɔ no, enti na yɛasoma sɛ wɔmma ɔhene nhunu, 15 na ma wɔnhwehwɛ w’agyanom twerɛtohɔ+ mu, na wobɛhunu wɔ twerɛtohɔ no mu sɛ saa kuro no yɛ atuatefoɔ kuro a wɔma ahemfo ne amantam hwere adeɛ, na ɛfiri tete na emu nnipa apiapia nkurɔfoɔ ama wɔate atua. Ɛno nti na wɔsɛee kuro no pasaa no.+ 16 Enti yɛrema ɔhene ahunu sɛ, sɛ wɔsan kyekyere saa kuro no na wɔwie n’afasuo no a, ɛremma wonnya kyɛfa biara wɔ asubɔnten kɛseɛ yi agya ha.”+
17 Ɔhene no soma maa wɔde mmuaeɛ brɛɛ ɔhene soafoɔ panin Rehum+ ne ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ+ nkaeɛ a wɔtete Samaria ne wɔn a wɔaka a wɔtete asubɔnten kɛseɛ no agya no sɛ:
“Asomdwoeɛ nka mo!+ 18 Krataa a mode brɛɛ yɛn no, wɔakenkan no fann wɔ m’anim. 19 Me nso mahyɛ ama wɔahwehwɛ mu,+ na wɔahunu sɛ ɛfiri tete na kuro no ne ahemfo adi asie, na ɔsɔretia ne atuateɛ akɔ so wɔ hɔ.+ 20 Ahemfo akɛseɛ+ na wɔdii Yerusalem soɔ, na wɔdii wɔn a wɔtete asubɔnten kɛseɛ+ no agya nyinaa nso so; wɔtuaa toɔ ne amanneɛ ne akwan so toɔ maa wɔn.+ 21 Enti monhyɛ mma saa mmarima no nnyae adwuma no; wɔnnkyekyere kuro no kɔsi sɛ mede ahyɛdeɛ bɛma. 22 Na monhwɛ yie na moantoto ahyɛdeɛ yi ase na ahemfo anhwere adeɛ kɛse.”+
23 Berɛ a wɔkenkan Ɔhene Artasasta krataa no wɔ Rehum+ ne ɔtwerɛfoɔ Simsai+ ne wɔn mfɛfoɔ+ anim no, ntɛm ara na wɔkɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem kɔhyɛɛ wɔn maa wɔgyaee adwuma no.+ 24 Saa berɛ no na wɔgyaee Onyankopɔn fie no ho adwuma a na wɔreyɛ no Yerusalem no; wɔgyae kɔsii Persia hene Dario+ afe a ɛtɔ so mmienu so.