23 Berɛ a wɔkenkan Ɔhene Artasasta krataa no wɔ Rehum+ ne ɔtwerɛfoɔ Simsai+ ne wɔn mfɛfoɔ+ anim no, ntɛm ara na wɔkɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem kɔhyɛɛ wɔn maa wɔgyaee adwuma no.+
7 Berɛ a Sanbalat+ ne Tobia+ ne Arabiafoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Asdodfoɔ+ tee sɛ Yerusalem afasuo a wɔresiesie no anya nkɔsoɔ na wɔafiri aseɛ retuatua akwan a ɛdeda mu no, wɔn bo fuu kɛse.