Esra
3 Bosome a ɛtɔ so nson+ no duruiɛ no, na Israel mma akɔtenatena wɔn nkuro mu. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano sɛ nipa baako+ baa Yerusalem.+ 2 Na Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom asɔfoɔ no ne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne ne nuanom sɔreeɛ. Wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsi afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ ama Israel Nyankopɔn sɛdeɛ wɔatwerɛ+ no nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose mmara mu no.
3 Na wɔsii afɔrebukyia no sii ne sibea+ ɛfiri sɛ na wɔsuro nkurɔfoɔ a wɔtete nsase no soɔ+ no, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so daa maa Yehowa, anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.+ 4 Ɛnna wɔdii asese afahyɛ+ no sɛdeɛ wɔatwerɛ+ no, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa, dodoɔ a mmara no kyerɛ sɛ wɔmmɔ no da biara no.+ 5 Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne abosome foforɔ+ deɛ ne Yehowa afahyɛ kronkron+ no deɛ, na wɔbɔɔ bi nso maa obiara a ɔfiri ne pɛ mu de+ ayɛyɛdeɛ brɛɛ Yehowa. 6 Bosome a ɛtɔ so nson+ no da a ɛdi kan no, wɔfirii aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Yehowa berɛ a na wɔnnya ntoo Yehowa asɔrefie no fapem no.
7 Na wɔde sika+ maa abopaefoɔ+ ne adwumfoɔ,+ na wɔde nnuane+ ne anonneɛ ne ngo+ maa Sidonfoɔ+ ne Tirofoɔ+ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro mfiri Lebanon+ mmɛgu Yopa+ mpoano mma wɔn sɛdeɛ Persia hene Kores+ ama wɔn kwan no.
8 Na berɛ a wɔbaa nokorɛ Nyankopɔn fie wɔ Yerusalem no, n’afe a ɛtɔ so mmienu no mu bosome a ɛtɔ so mmienu+ no, Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ ne wɔn nuanom a wɔaka, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri nkoasom+ mu baa Yerusalem no nyinaa firii adwuma no ase; na wɔde Lewifoɔ+ a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ no sisii Yehowa fie adwuma+ no so. 9 Na Yesua+ ne ne mma ne ne nuanom, ne Kadmiel ne ne mma, Yuda mma no, gyinaa sɛ kuo baako hwɛɛ nokorɛ Nyankopɔn fie adwumayɛfoɔ so; ná Henadad+ mma ne wɔn nso mma ne wɔn nuanom, Lewifoɔ no, ka wɔn ho.
10 Berɛ a adansifoɔ no too Yehowa asɔrefie no fapem+ wieeɛ no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ+ kurakura ntotorobɛnto+ ne Lewifoɔ, Asaf+ mma, a wɔkurakura nnawuta+ no sɔree sɛ wɔrebɛyi Yehowa ayɛ sɛdeɛ na Israel hene Dawid akyerɛ+ no. 11 Wɔyii+ Yehowa ayɛ, daa no ase, na wɔgyee so sɛ “ɔyɛ+ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa,+ Israel so.” Na ɔman no nyinaa nso de osebɔ+ kɛseɛ yii Yehowa ayɛ, Yehowa fie no fapem a wɔatoɔ nti. 12 Na asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ ne wɔn agyanom abusuafie+ mu atitire no pii a wɔanyinyini a wɔhunuu kane fie+ no memaa wɔn nne so suiɛ+ berɛ a wɔtoo fie yi fapem+ wɔn anim no, na nnipa pii nso memaa wɔn nne so bɔɔ ose.+ 13 Ɛno nti ɔman no anhunu osebɔ+ gyegyeegye ne esu gyegyeegye no mu nsonsonoeɛ, ɛfiri sɛ na ɔman no reyɛ dede kɛse, na wɔtee no akyirikyiri.