3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ soɔ no nyinaa so.+
6 Nnommum+ a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn kɔɔ nkoasom mu no,+ yeinom ne wɔn a akyire yi wɔfiri mantam+ no mu san baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+
7 Na ɛbɛyɛ Yuda fie nkaeɛ+ no asase, na ɛhɔ na wɔbɛdidie. Wɔbɛdeda Askelon afie mu anwummerɛ adwodwo wɔn ho. Na Yehowa wɔn Nyankopɔn bɛdane n’ani aba wɔn so+ na ɔde wɔn nnommum asan aba.”+