Sefania
2 Mommoaboa mo ano, ɔman a moatõtõ mo ani aweɛ,+ mommoaboa mo ano.+ 2 Ahyɛdeɛ no nnya mmaa mu yi,+ ɛda no nnya ntwaam sɛ ntɛtɛ yi, Yehowa abufuhyeɛ+ nnya mmaa mo soɔ yi, Yehowa abufuo da+ no nnya mmaa mo soɔ yi, 3 monhwehwɛ Yehowa,+ asase so ahobrɛasefoɔ+ a modi n’atemmusɛm soɔ. Monhwehwɛ tenenee,+ monhwehwɛ ahobrɛaseɛ.+ Ebia+ wɔbɛkora mo so, Yehowa abufuo da no.+ 4 Wɔbɛgya Gasa ato hɔ+ na Askelon ayɛ amamfõ.+ Wɔbɛpamo+ Asdod+ awia ketee na wɔatu Ekron ase.+
5 “Mo a motete mpoano, Keretifoɔ+ man, monnue! Yehowa ne mo wɔ asɛm. O Kanaan, Filistifoɔ asase, mɛsɛe wo na obiara renka.+ 6 Mpoano asase bɛdane mmoa adidibea,+ baabi a nnwanhwɛfoɔ mmura wɔ, baabi a wɔde aboɔ ayɛ nnwammuo. 7 Na ɛbɛyɛ Yuda fie nkaeɛ+ no asase, na ɛhɔ na wɔbɛdidie. Wɔbɛdeda Askelon afie mu anwummerɛ adwodwo wɔn ho. Na Yehowa wɔn Nyankopɔn bɛdane n’ani aba wɔn so+ na ɔde wɔn nnommum asan aba.”+
8 “Mate Moab ahohorabɔ+ ne Ammonfoɔ adapaatwa+ a wɔde sopa me man, ne wɔn ho a wɔhoahoa tia wɔn asase no. 9 Enti sɛ mete aseɛ yi,”+ asafo Yehowa Israel Nyankopɔn asɛm nie, “Moab bɛyɛ sɛ Sodom+ na Ammon+ ayɛ sɛ Gomora; ɛbɛyɛ nsansono asase ne nkyene amena ne amamfõ akɔsi daa.+ Na me nkurɔfoɔ a aka no bɛfom wɔn afa na me man nkaefoɔ adi wɔn so.+ 10 Yei ne aba a wɔbɛtwa afiri wɔn ahantan+ soɔ, ɛfiri sɛ wɔbɔɔ asafo Yehowa man ahohora, na wɔhoahoaa wɔn ho tiaa wɔn.+ 11 Yehowa ho bɛyɛ wɔn hu,+ ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa atwintwam,+ na aman nyinaa bɛfiri mmeammea abɛkoto no,+ nsuano aman+ nyinaa.
12 “Mo Etiopiafoɔ+ nso, mobɛtotɔ me nkrantɛ ano.+
13 “Na ɔbɛtene ne nsa akyerɛ atifi fam na wasɛe Asiria.+ Ɔbɛma Niniwe adane amamfõ,+ na ɛhɔ bɛwo wesee sɛ serɛ so. 14 Mmoa nyinaa, asase so mmoadoma nyinaa bɛba abɛdwodwo wɔn ho wɔ hɔ.+ Na pokupoku ne kɔtɔkɔ+ bɛdeda n’adum+ so anadwo. Wobɛte wɔn su wɔ mpomma mu. N’aponnwa bɛsɛe, ɛfiri sɛ nnua+ a wɔde asiesie hɔ no ho bɛda hɔ. 15 Kuro a ɛdi ahurisie na ne ho adwo no+ no awieeɛ nie, kuro a ɛka no n’akomam sɛ, ‘Me ara menie, na obiara nni hɔ bio’+ no. Hwɛ sɛdeɛ wadane ahodwirideɛ, baabi a mmoadoma dwodwo wɔn ho! Obiara a ɔbɛtwam hɔ no bɛbɔ hwerɛma na wabɔ ne nsa ano.”+