Sefania
2 Atemmuo a wɔahyɛ ato hɔ no nnya mmaeɛ yi,
Ɛda no nnya ntwaam sɛ ntɛtɛ yi,
Yehowa abufuhyeɛ nnya mmaa mo so yi,+
Yehowa abufuo da no nnya mmaa mo so yi,
3 Monhwehwɛ Yehowa,+ asaase sofoɔ a mobrɛ mo ho ase* nyinaa,
A modi n’ahyɛdeɛ* a ɛtene so no.
Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ.*
Ebia wɔbɛbɔ mo ho ban,* Yehowa abufuo da no.+
Wɔbɛpamo Asdod awia ketee,
Na wɔatu Ekron ase.+
5 “Mo a motete mpoano, Keretifoɔ man, asɛm ato mo!+
Yehowa ne mo wɔ asɛm.
O Kaanan, Filistifoɔ asaase, mɛsɛe wo,
Na obiara renka.
6 Mpoano asaase no bɛdane mmoa adidibea,
Baabi a nnwanhwɛfoɔ mmura wɔ, baabi a wɔde aboɔ ayɛ nwammuo.
Wɔbɛdeda Askelon afie mu anwummerɛ.
Na Yehowa wɔn Nyankopɔn bɛtwa n’ani abɛhwɛ wɔn,
Na ɔbɛboaboa wɔn nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano, na ɔde wɔn asan aba.”+
8 “Mate Moab animtiabuo+ ne Ammonfoɔ adapaatwa no.+
Wɔdidi me man atɛm, na wɔde ahantan ka sɛ wɔbɛgye me man asaase.+
9 Enti mete ase yi deɛ,” asafo Yehowa Israel Nyankopɔn no asɛm nie,
“Moab bɛyɛ sɛ Sodom,+
Na Ammon ayɛ sɛ Gomora.+
Ɛbɛyɛ nsansono asaase, ne nkyene amena, na ɛbɛsɛe a obiara rentena hɔ bio da.+
Na me nkurɔfoɔ a aka no bɛfom wɔn nneɛma,
Na me manfoɔ a aka no bɛgye wɔn asaase afiri wɔn nsam.
10 Wɔn ahantan nti na weinom nyinaa bɛto wɔn,+
Ɛfiri sɛ wɔdidii asafo Yehowa man atɛm, na wɔmemaa wɔn ho so kyerɛɛ wɔn.
11 Yehowa ho bɛyɛ wɔn nwanwa,*
Ɛfiri sɛ ɔbɛbrɛ asaase so anyame nyinaa ase,*
Na nsuano aman a ɛyɛ amanaman no deɛ nyinaa bɛkoto* no,+
Obiara bɛfiri baabi a ɔwɔ aba.
12 Mo, Etiopiafoɔ nso, mede me sekan bɛkunkum mo.+
13 Na ɔbɛtene ne nsa akyerɛ atifi fam na wasɛe Asiria.
Ɔbɛma Niniwe asɛe pasaa,+ na ɛhɔ bɛwo wesee sɛ serɛ so.
14 Mmoa nyinaa, wura mu mmoa nyinaa bi bɛba abɛda hɔ.
Na nsuo so dabodabo ne kɔtɔkɔ bɛdeda n’adum* so anadwo.
Wɔbɛte nnomaa su* wɔ mpomma mu.
N’aponnwa bɛsɛe,
Na ɔbɛma sida nnua a wɔde ayɛ dan no mu no ho ada hɔ.
15 Ahantan kuro a na ne ho adwo no no nie,
Kuro yi na na ɛka wɔ n’akomam sɛ, ‘Mene no; m’akyi no, obiara nni hɔ bio.’
Hwɛ sɛdeɛ ɛnnɛ wadane biribi huhuuhu,
Baabi a wuram mmoa bɛda!
Obiara a ɔbɛtwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ,* na ɔbɛpoma twɛdeɛ.”+