25Ɛbaa sɛ n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron,+ bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du+ no, Babilon hene Nebukadnesar+ baeɛ;+ ɔne n’asraafoɔdɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛtwaa ho hyiaeɛ, na wɔsii akoban twaa ho nyinaa hyiaeɛ.+
3Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika honi+ bi a ne tenten yɛ basafa aduosia, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia, na ɔde sii Dura asasetamaa so wɔ Babilon mantam no mu.+