4 Afei ɛbaa sɛ n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron,+ bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadresar baeɛ; ɔne n’asraafoɔdɔm nyinaa baa Yerusalem so+ bɛtwaa ho hyiaeɛ, na wɔsii akoban twaa ho nyinaa hyiaeɛ.+
22 Na deɛ adebisa no maa no hunuu no ne nsa nifa mu ne Yerusalem, sɛ ɔnhyehyɛ mfidie a wɔde dwiri afasuo,+ na ɔnka okum ho asɛm, ɔnhyɛne ɛko totorobɛnto,+ ɔmfa mfidie nnwiri kuro no apono ngu, ɔnsi pampim ntwa ho nhyia, na ɔnto akoban.+