Hesekiel
4 “Wo, onipa ba, fa birikisi to w’anim na kurukyire kuro wɔ so, Yerusalem.+ 2 Ka no hyem+ na to akoban fa ho,+ si pampim wɔ ho+ na kyere ho nsraban hyia, na fa mfidie a wɔde dwiri afasuo twa ho hyia.+ 3 Fa dadeɛ apampaa si wo ne kuro no ntam sɛ dadeɛ fasuo na gyene w’ani hwɛ so; ma no nyɛ sɛ deɛ wɔaka kuro no ahyem; afei ka hyem. Ɛyɛ sɛnkyerɛnne ma Israel fie.+
4 “Na wo deɛ, da wo benkum so, na fa Israel fie bɔne to so.+ Na nna dodoɔ a wobɛda soɔ nyinaa, wobɛsoa wɔn bɔne. 5 Na mede wɔn bɔne mfeɛ+ no bɛma wo; ɛyɛ nna ahasa aduɔkron,+ na wobɛsoa Israel fie bɔne. 6 Na wie yeinom.
“Afei wobɛda hɔ bio, ne mprenu so, wo nifa so, na wobɛsoa Yuda fie bɔne adaduanan.+ Mede da koro biara ayɛ afe ama wo.+ 7 Afei dane w’ani kyerɛ Yerusalem a woaka ahyem no,+ na yi w’abasa ho na hyɛ nkɔm tia no.
8 “Na hwɛ, mede ntampehoma+ bɛkyekyere wo na woantumi annane wo ho amfiri ɛfã baako ankɔ ɛfã foforɔ, kɔsi sɛ wobɛwie wo nkahyɛmu nna no.
9 “Afei fa ayuo,+ atokoɔ, apatram,+ asɛdua,+ aburoo, ne kɔkɔte*+ gu adeɛ baako mu, na fa yɛ paanoo, na di no nna ahasa aduɔkron a wode bɛda wo nkyɛnmu no nyinaa.+ 10 Na wobɛkari w’aduane a wobɛdie no—nnwetɛbena aduonu da biara.+ Na wobɛdi no berɛ ne berɛ mu.
11 “Na wobɛsusu nsuo a wobɛnom no—hin susutoa nkyɛmu nsia mu baako. Na wobɛnom no berɛ ne berɛ mu.
12 “Na atokoɔ paanoo a wɔabɔ no nkuruwankuruwa+ na wobɛdie; na nnipa tiafi+ a ayɛ kyereboa na wode bɛtõ no wɔn anim.” 13 Na Yehowa toaa so kaa sɛ: “Saa ara na Israelfoɔ bɛdi wɔn paanoo a ɛho nteɛ+ no wɔ aman a mɛbɔ wɔn apete soɔ no mu.”+
14 Afei mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, me kra ho nguu fĩ,+ na ɛfiri me mmɔfraase bɛsi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatete ne mu da,+ na nam a ɛho akum biara nso nkaa m’ano da.”+
15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, mede nantwibini asi nnipa kyereboa anan ama wo sɛ tõ wo paanoo wɔ so.” 16 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, merebɛbubu dua a wɔde paanoo nkuruwankuruwa sensɛn so+ wɔ Yerusalem, na wɔde ahoyera bɛdi aduane a wɔakari ama wɔn no,+ na wɔde ehu anom nsuo a wɔasusu ama wɔn no.+ 17 Aduane ne nsuo ho bɛyɛ den ama wɔn na obiara bɛhwɛ ne nua anim hãã; wɔbɛtete asɛe pasaa wɔn amumuyɔ mu.+