Hesekiel
5 “Wo onipa ba, fa nkrantɛ nnamnam yɛ yiwan yi wo tiri nwi ne w’abɔdwesɛ.+ Afei fa nsania kyekyɛ nwi no mu. 2 Kyɛ mu mmiɛnsa na hye emu baako wɔ kuro no mfimfini berɛ a nkahyɛmu nna no aba awieeɛ no.+ Emu baako nso, fa nkrantɛ twitwa fa kuro no ho nyinaa,+ na fa deɛ ɛtwa toɔ no nso pete ma mframa, na mɛtwe nkrantɛ adi wɔn akyi.+
3 “Afei fa emu kakra kyekyere w’atadeɛ ano.+ 4 Fa deɛ ɛbɛka no nso gu gya mu na hye. Na emu na egya bɛfiri aba Israel fie nyinaa soɔ.+
5 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Yei ne Yerusalem. Na mede no sii amanaman mfimfini, na aman atwa ne ho nyinaa ahyia. 6 Na ɔsɔre tiaa m’atemmusɛm yɛɛ amumuyɔdeɛ senee aman a aka nyinaa,+ na ɔbuu m’ahyɛdeɛ so senee aman a atwa ne ho ahyia nyinaa, ɛfiri sɛ wɔpoo m’atemmusɛm na wɔanni m’ahyɛdeɛ so.’+
7 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ modii bɔne+ senee aman a atwa mo ho ahyia, na moannante m’ahyɛdeɛ mu na moanni m’atemmusɛm soɔ,+ na modii aman a atwa mo ho ahyia no atemmusɛm soɔ nti,+ 8 deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me+ ne wo wɔ asɛm, na mɛbu wo atɛn wɔ aman nyinaa anim.+ 9 Akyiwadeɛ yi nyinaa nti, mɛyɛ wo adeɛ a menyɛɛ bi da na merenyɛ deɛ ɛte saa bio da.+
10 “‘“Enti agyanom bɛwe wɔn mma wɔ wo mu,+ na mma awe wɔn agyanom, na mɛbu wo atɛn na mapete wɔn a wɔbɛka no ama mframa.”’+
11 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Sɛ mete aseɛ yi, ɛsiane sɛ wode w’atantanneɛ+ ne w’akyiwadeɛ+ nyinaa agu me kronkronbea ho fĩ nti, me nso mɛhwan wo so+ na merenhu wo mmɔbɔ,+ na me yam renhyehye me mma wo.+ 12 Na owuyareɛ bɛkunkum wo+ mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na ɛkɔm ahye wɔn ase.+ Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia. Na baako a aka no nso mɛpete wɔn ama mframa+ na matwe nkrantɛ adi wɔn akyi.+ 13 Afei m’abufuo to bɛtwa,+ na mɛdwodwo m’anibereɛ wɔ wɔn so+ na makyekyere me werɛ;+ na sɛ m’abufuo ba awieeɛ a, wɔbɛhunu sɛ me Yehowa na makasa sɛ obi a ɔhwehwɛ ahofama mũ.+
14 “‘Na mɛma woadane amamfõ ne aniwudeɛ wɔ aman a atwa wo ho ahyia nyinaa mu ne obiara a ɔbɛtwam anim.+ 15 Na amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no bɛbɔ wo ahohora+ atwa wo adapaa,+ na berɛ a mede abufuo abu wo atɛn na mede anibereɛ aka w’anim no,+ wobɛyɛ sɛnnahɔ+ ne ahodwirideɛ ama amanaman no. Me Yehowa na maka.
16 “‘Sɛ meto ɛkɔm ba wɔn so sɛ agyan bɔne+ na mede agyan yi bɛsɛe mo a,+ mɛma ɛkɔm mu ayɛ den wɔ mo so na mabubu dua a mode paanoo nkuruwankuruwa sensɛn soɔ no.+ 17 Na mɛsoma ɛkɔm ne mmoa bɔne+ abɛkunkum wo mma, na ɔyaredɔm+ ne mogya+ bɛsene afa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so.+ Me Yehowa na maka.’”