5 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
15 (ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo mfimfini no yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,)+ na Yehowa mo Nyankopɔn abufuo annɛre antia mo+ na wantɔre mo ase amfiri asase so.+
25 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Afei deɛ, mede Yakob nnommum bɛba+ na mahunu Israel fie nyinaa mmɔbɔ,+ na mede anibereɛ bɛbɔ me din kronkron no ho ban.+