9 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.+ Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe ba wɔn mma ne wɔn mmanana ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
6 ma wɔmfa ne mmarima nson a wɔfiri ne mma mu mma yɛn,+ na yɛmfa wɔn nsensɛn+ Yehowa anim wɔ Saul a Yehowa yii+ no no kuro Gibea+ mu.” Enti ɔhene kaa sɛ: “Mede wɔn bɛma mo.”
29 “Woahunu sɛdeɛ me nti Ahab abrɛ ne ho aseɛ no?+ Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa mmusuo no mma wɔ ne nna mu.+ Ne ba nna mu na mede mmusuo no bɛba ne fie.”+
35 saa na ɛbɛma ateneneefoɔ mogya a wɔahwie agu asase so nyinaa aba mo soɔ,+ ɛfiri ɔteneneeni+ Habel+ mogya so kɔsi Barakia ba Sakaria mogya so, deɛ mokuu no kronkronbea ne afɔrebukyia ntam no.+