Exodus 34:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nkoto onyame foforɔ+ biara, ɛfiri sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔne obiara nkyɛ ne som.*+ Numeri 25:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar ba Finehas+ asianka m’abufuo+ afiri Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ ɔtwee ninkunu maa me wɔn mu.+ Yei amma me ara mantwe ninkunu+ antɔre Israelfoɔ no ase. Mateo 4:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ, Satan! Wɔatwerɛ sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no,+ na ɔno nko ara+ na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+ Luka 10:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Ɔbuaa sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn,’+ ne ‘wo yɔnko sɛ wo ho.’”+
11 “Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar ba Finehas+ asianka m’abufuo+ afiri Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ ɔtwee ninkunu maa me wɔn mu.+ Yei amma me ara mantwe ninkunu+ antɔre Israelfoɔ no ase.
10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ, Satan! Wɔatwerɛ sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no,+ na ɔno nko ara+ na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+
27 Ɔbuaa sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn,’+ ne ‘wo yɔnko sɛ wo ho.’”+