Yosua
24 Afei Yosua maa Israel mmusua no nyinaa bɛhyiaa Sekem,+ na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ+ ne ahwɛfoɔ ne atemmufoɔ ne atitire nyinaa bɛgyinaa nokorɛ Nyankopɔn no anim.+ 2 Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Tete no na mo agyanom+ te asubɔnten kɛseɛ+ no agya nohoa; ɛhɔ na na Abraham ne Nahor+ papa Tera teɛ, na saa berɛ no, na wɔsom anyame foforɔ.
3 “‘Akyire yi mefaa mo nana Abraham+ firii asubɔnten kɛseɛ+ no agya, na memaa no kyinii Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’ase trɛeɛ.+ Mede Isak maa no,+ 4 na memaa Isak nso nyaa Yakob ne Esau.+ Akyire yi mede Bepɔ Seir maa Esau tenaa so;+ na Yakob ne ne mma nso kɔɔ Egypt.+ 5 Afei mesomaa Mose ne Aaron,+ na mede ɔhaw baa Egypt so;+ na ɛno akyi no meyii mo firii hɔ.+ 6 Berɛ a meyii mo agyanom firii Egypt+ bɛduruu po no ho no, Egyptfoɔ de nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ tĩĩ+ mo agyanom baa Po Kɔkɔɔ no ho. 7 Na wɔsu frɛɛ Yehowa,+ enti ɔmaa esum kabii bɛdaa mo ne Egyptfoɔ no ntam,+ na ɔmaa po no bu faa wɔn so kataa wɔn so.+ Mode mo ani hunuu deɛ meyɛɛ no Egypt no,+ na motenaa serɛ so nna pii.+
8 “‘Nkakrankakra mede mo bɛduruu Amorifoɔ a wɔte Yordan agya no asase so, na wɔne mo koeɛ.+ Na mede wɔn hyɛɛ mo nsa sɛ momfa wɔn asase ntena so, na mesɛee wɔn mo anim.+ 9 Afei Sipor+ ba Balak a ɔyɛ Moab hene no sɔre baa Israelfoɔ so ne wɔn bɛkoeɛ.+ Na ɔsoma kɔfrɛɛ Beor ba Balaam sɛ ɔmmɛdome mo.+ 10 Nanso mampɛ sɛ mɛtie Balaam.+ Na hyira ara na ɔhyiraa mo.+ Enti megyee mo firii ne nsam.+
11 “‘Afei motwaa Yordan+ bɛduruu Yeriko,+ na Yerikofoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ ne Hitifoɔ ne Girgasifoɔ ne Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ firii aseɛ ne mo koeɛ; nanso mede wɔn hyɛɛ mo nsa.+ 12 Na memaa mo ho hu dii mo anim, na ɛpamoo+ Amorifoɔ ahemfo mmienu—mo nkrantɛ nnim, mo agyan nnim.+ 13 Na memaa mo asase a moammrɛ ho, na monyaa nkuro a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ+ tenaa mu. Bobeturo ne ngo nnua a modidi soɔ yi nso, ɛnyɛ mo na moduaeɛ.’+
14 “Enti afei monsuro Yehowa+ na momfa akoma kronn ne nokorɛdie+ nsom no. Na monto anyame a mo agyanom som wɔn asubɔnten kɛseɛ no agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa. 15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Yehowa a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no,+ sɛ anyame a mo agyanom a na wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ no agya no som wɔn+ no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ no anyame+ oo, monyi deɛ mobɛsom no. Na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Yehowa.”+
16 Ɛnna ɔman no buaa sɛ: “Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛgya Yehowa akɔsom anyame foforɔ. 17 Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔyii yɛne yɛn agyanom firii Egypt+ nkoafie,+ ɔno na ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ yi wɔ yɛn ani soɔ,+ ɔno na ɔbɔɔ yɛn ho ban yɛn akwantuo mu, na ɔno na ɔhwɛɛ yɛn so faa aman hodoɔ no nyinaa mu.+ 18 Afei Yehowa pamoo aman no nyinaa firii yɛn anim,+ Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no. Enti yɛn nso yɛbɛsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɔno ne yɛn Nyankopɔn.”+
19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Morentumi nsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron.+ Na ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som.+ Sɛ mote atua yɛ bɔne a, ɔremfa nkyɛ mo.+ 20 Na sɛ mogya Yehowa+ kɔsom ananafoɔ anyame+ a, ɔno nso bɛdane ne ho ne mo adi no nwononwono na watɔre mo ase, berɛ a wayɛ mo papa akyi no.”+
21 Ɛnna nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Dabi, Yehowa ara na yɛbɛsom no!”+ 22 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mo ara mo anom na moayi Yehowa sɛ mobɛsom no;+ mo ara moyɛ adansefoɔ.”+ Na wɔbuaa sɛ: “Yɛyɛ adansefoɔ.”
23 “Ɛnneɛ monto ananafoɔ anyame a ɛwɔ mo nkyɛn no ngu,+ na monnane mo akoma mmra Israel Nyankopɔn Yehowa nkyɛn.” 24 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛbɛsom no, na ɔno na yɛbɛtie no!”+
25 Saa da no Yosua ne ɔman no yɛɛ apam, na ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmusɛm+ wɔ Sekem. 26 Afei Yosua twerɛɛ nsɛm yi wɔ Onyankopɔn mmara nwoma+ no mu, na ɔde boɔ kɛseɛ+ bi sii hɔ wɔ dupɔn+ a ɛsi Yehowa kronkronbea ho no ase.
27 Na Yosua toaa so ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monhwɛ, ɛboɔ yi bɛyɛ yɛn danseni,+ ɛfiri sɛ ate deɛ Yehowa aka akyerɛ yɛn nyinaa. Enti ɛboɔ yi bɛyɛ danseni na moampa mo Nyankopɔn.” 28 Afei Yosua gyaa ɔman no kwan maa obiara kɔɔ n’agyapadeɛ so.+
29 Nsɛm yi nyinaa akyi no, Yehowa akoa Yosua, Nun ba no, wuiɛ berɛ a na wadi mfeɛ ɔha ne du.+ 30 Na wɔsiee no n’asase so wɔ Timnat-Sera+ a ɛwɔ Efraim bepɔ so wɔ Bepɔ Gaase atifi fam no. 31 Na Israelfoɔ kɔɔ so som Yehowa wɔ Yosua ne mpanimfoɔ a wɔtenaa ase wɔ Yosua akyi nyinaa berɛ so,+ mpanimfoɔ a wɔhunuu nnwuma a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa.+
32 Afei wɔsiee Yosef nnompe+ a Israelfoɔ de firi Egypt baeɛ no wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ firii Sekem papa Hamor mma nkyɛn+ nnwetɛbena+ ɔha no so, na ɛbɛyɛɛ Yosef mma agyapadeɛ.+
33 Aaron ba Eleasar nso wuiɛ,+ na wɔsiee no wɔ ne ba Finehas Kokoɔ so,+ asase a ɔde maa no wɔ Efraim bepɔ soɔ no so.