Exodus 14:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Ɛhɔ ara na Mose tenee ne nsa ɛpo no soɔ, na ɛrekɔ anɔpa no, nsuo no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfoɔ no firii aseɛ sɛ wɔredwane, nanso Yehowa kaa wɔn guu po no mfimfini.+ Dwom 78:53 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 53 Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, na wɔn akoma antu;+Wɔn atamfo deɛ, ɛpo kataa wɔn so.+ Dwom 106:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nsuo no twi faa wɔn atamfo no so;+Wɔn mu baako mpo anka.+ Dwom 136:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Deɛ ɔkaa Farao ne n’asraafoɔdɔm guu Po Kɔkɔɔ no mu no:+Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
27 Ɛhɔ ara na Mose tenee ne nsa ɛpo no soɔ, na ɛrekɔ anɔpa no, nsuo no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfoɔ no firii aseɛ sɛ wɔredwane, nanso Yehowa kaa wɔn guu po no mfimfini.+