2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛmfiri adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Deɛ ɔsɛ owuyareɛ no nkɔ owuyareɛ mu! Deɛ ɔsɛ nkrantɛ no nkɔ nkrantɛ ano! Deɛ ɔsɛ ɛkɔm no nkɔ ɛkɔm mu!+ Na deɛ ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+
9 Obiara a ɔbɛtena kuro yi mu no, nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyareɛ+ na ɛbɛku no, na obiara a ɔbɛfiri adi de ne ho akɔma Kaldeafoɔ a wɔatwa mo ho ahyia no bɛtena nkwa mu, na ɔbɛnya ne kra sɛ asadeɛ.”’+