12 Sɛ wɔdi mmuada a, merentie wɔn sufrɛ;+ sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ,+ na nkrantɛ ne ɛkɔm ne ɔyaredɔm na mede bɛwie wɔn koraa.”+
2 Kyɛ mu mmiɛnsa na hye emu baako wɔ kuro no mfimfini berɛ a nkahyɛmu nna no aba awieeɛ no.+ Emu baako nso, fa nkrantɛ twitwa fa kuro no ho nyinaa,+ na fa deɛ ɛtwa toɔ no nso pete ma mframa, na mɛtwe nkrantɛ adi wɔn akyi.+