12 Na owuyareɛ bɛkunkum wo+ mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na ɛkɔm ahye wɔn ase.+ Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia. Na baako a aka no nso mɛpete wɔn ama mframa+ na matwe nkrantɛ adi wɔn akyi.+
21 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛnneɛ hwɛ deɛ ɛbɛsie berɛ a mede m’atemmudeɛ huhuuhu nnan yi+—nkrantɛ ne ɛkɔm ne mmoa bɔne ne owuyareɛ+—aba Yerusalem so na matwa onipa ne aboa biara afiri soɔ no.+