33 “Na sɛ ɔman yi anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa wo sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duro bɛn na ɛwɔ hɔ?’ a,+ wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Mo nkurɔfoɔ yi, moyɛ adesoa a emu yɛ duro yie!+ Na mɛpo mo,”+ Yehowa asɛm nie.’
2 Hwɛ, terafim+ ahoni ka abususɛm, na nkɔmhyɛfoɔ hunu atorɔ anisoadeɛ+ na daeɛ a wɔka ho asɛm no yɛ nkontompo, na wɔde nsɛnhunu kyekyere nnipa werɛ.+ Yei nti wɔde wɔn tiri bɛdom sɛ nnwan,+ na ɔhwɛfoɔ+ a wɔnnie nti, wɔn ho bɛkyere wɔn.