Deuteronomium 31:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Saa da no, m’abufuo bɛdɛre atia wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adane m’ani afiri wɔn so,+ na mɛyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Na wɔbɛhyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mfimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn soɔ yi?’+ Yeremia 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Magya me fie;+ mapo m’agyapadeɛ;+ mede deɛ me kra dɔ no no ahyɛ n’atamfo nsa.+ Hosea 9:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na sɛ wɔhwɛ wɔn mma ma wɔnyini mpo a, mɛma wɔadi awommawuo, na ɔbarima biara renka wɔ hɔ.+ Na sɛ medane me ho firi wɔn ho a, wɔnnue!+
17 Saa da no, m’abufuo bɛdɛre atia wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adane m’ani afiri wɔn so,+ na mɛyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Na wɔbɛhyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mfimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn soɔ yi?’+
12 Na sɛ wɔhwɛ wɔn mma ma wɔnyini mpo a, mɛma wɔadi awommawuo, na ɔbarima biara renka wɔ hɔ.+ Na sɛ medane me ho firi wɔn ho a, wɔnnue!+