Yeremia
12 O Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wobu atɛn wɔ tenenee mu.+ Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wodi ma me. Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie+ na nkontompofoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn? 2 Woadua wɔn na wɔagye nhini. Wɔanyini na wɔaso aba nso. Wɔde wɔn ano na ɛbɛn woɔ, nanso wɔn asaabo deɛ, ɛne wo ntam ware yie.+ 3 O Yehowa, wo na wonim me yie;+ wohu me, na woasɔ m’akoma ahwɛ sɛ ɛdi mũ w’anim.+ Yiyi wɔn gyina nkyɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn,+ na hyira wɔn so ma okum da. 4 Asase no bɛsɛe akɔsi da bɛn,+ na asase no so wura bɛtwintwam akɔsi da bɛn?+ Wɔn a wɔte soɔ no bɔne nti, mmoa ne nnomaa adwane kɔ.+ Na wɔka sɛ: “Ɔrenhunu yɛn awieeɛ.”
5 Sɛ wo ne anammɔnfoɔ tu mmirika na wobrɛ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ne apɔnkɔ atu mmirika?+ Asomdwoeɛ asase so na woanya awerɛhyem yi?+ Ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan kwaeɛbirentuo no mu?+ 6 Wo ara wo nuanom ne wo papa fiefoɔ mpo atwa wo nkontompo.+ Wɔn mpo wɔteam dendeenden di w’akyi. Na sɛ wɔka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.+
7 “Magya me fie;+ mapo m’agyapadeɛ;+ mede deɛ me kra dɔ no no ahyɛ n’atamfo nsa.+ 8 M’agyapadeɛ adane me sɛ gyata wɔ kwaeɛ mu. Wama ne nne so atia me. Ɛno nti na metan no no.+ 9 M’agyapadeɛ+ adane me sɛ ɔkɔdeɛ ntokontrama; akɔdeɛ atwa ho ahyia.+ Wuram mmoa nyinaa, mommoaboa mo ano mmra; momfa wɔn mmra mmɛdidi.+ 10 Nnwanhwɛfoɔ+ bebree asɛe me bobeturo no;+ wɔatiatia me kyɛfa no so.+ Wɔadane me kyɛfa a mepɛ+ no serɛ so amamfõ. 11 Wɔayɛ no amamfõ;+ atwintwam; adane amamfõ ama me.+ Wɔayɛ asase no nyinaa amamfõ, ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔde ahyɛ n’akomam.+ 12 Asɛefoɔ aba serɛ so kwan no nyinaa so. Yehowa nkrantɛ resɛe adeɛ firi asase no ano akɔsi ano nohoa.+ Asomdwoeɛ bi nni hɔ mma honam biara. 13 Wɔduaa ayuo nanso nkasɛɛ na wɔatwa.+ Wɔayɛ adwuma ama abɔ wɔn yareɛ, nanso wɔannya so mfasoɔ biara.+ Yehowa abufuhyeɛ nti wɔn ani bɛwu wɔn nnɔbaeɛ ho.”
14 Deɛ Yehowa aka nie: “Nnipa abɔnefoɔ a wɔte bɛn+ me a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede ama me man Israel sɛ wɔmfa no nyinaa,+ meretutu wɔn ase afiri wɔn asase so,+ na Yuda fie nso, mɛtu aseɛ afiri wɔn mu.+ 15 Na sɛ metu wɔn ase wie a, mɛhu wɔn mmɔbɔ+ na masan de wɔn aba na obiara akɔ n’agyapadeɛ ne n’asase so.”+
16 “Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie na wɔaka me din ntam sɛ,+ ‘Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi!’ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam+ no a, ɛnneɛ wɔn nso wɔbɛnya tenabea me man mu.+ 17 Na sɛ wɔantie a, ɛnneɛ me nso mɛtutu saa ɔman no ase; mɛtutu aseɛ na masɛe no,”+ Yehowa asɛm nie.