19 “Hwɛ! Obi bɛsɔre sɛ gyata+ afiri Yordan kwaeɛbirentuo no mu aba huntabea hɔ,+ nanso mɛma no adwane afiri ne mu ntɛm.+ Deɛ wɔayi no na mede no bɛsi ne soɔ. Hwan na ɔte sɛ me?+ Hwan na ɔne me bɛdi asie,+ na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?+
44 “Hwɛ! Obi bɛsɔre sɛ gyata afiri Yordan kwaeɛbirentuo no mu aba huntabea hɔ,+ nanso mɛma no adwane afiri ne mu ntɛm.+ Deɛ mayi no na mede no bɛsi ne soɔ.+ Hwan na ɔte sɛ me?+ Hwan na ɔne me bɛdi asie,+ na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?+