Yeremia
49 Deɛ Yehowa aka akyerɛ Ammonfoɔ+ nie: “Israel nni mma, anaa ɔnni ɔdedifoɔ? Adɛn nti na Malkam+ afa Gad+ na ne nkurɔfoɔ akɔtenatena Israel nkuro+ mu yi?”
2 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛma wɔate ɛko totorobɛnto+ a ɛtia Ammonfoɔ kuro Raba,+ na ɛbɛdane amamfõ sie,+ na wɔde gya+ bɛto ɛho nkuro+ mu.’
“‘Na Israel bɛfa wɔn a wɔtete mu no adi wɔn so,’+ Yehowa na aka.
3 “‘Hesbon,+ twa adwo,+ ɛfiri sɛ wɔasɛe Ai! Raba ho nkuro, monteateam. Momfirafira atweaatam.+ Mommɔ abubuo na monni akɔneaba wɔ aboɔ nnwammuo mu, ɛfiri sɛ Malkam bɛkɔ nkoasom+ mu, ɔne n’asɔfoɔ ne ne mpanimfoɔ nyinaa.+ 4 O ɔbabaa nkontomponi, adɛn nti na wode w’asasetamaa hoahoa wo ho, w’asase a ɛsene nsuo no,+ wo a wode wo ho ato emu ademudeɛ+ soɔ, na woka sɛ: “Hwan na ɔbɛba me so” no?’”+
5 “‘Hwɛ, mede ahudeɛ firi wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa mu reba wo so,’+ Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa asɛm nie. ‘Na wɔbɛbɔ mo ahwete ama obiara de n’ani akyerɛ baabi,+ na obiara remmoaboa wɔn a wɔredwane no ano.’”
6 “‘Nanso akyire yi, mɛsan aboaboa Ammon atukɔfoɔ no ano,’+ Yehowa asɛm nie.”
7 Deɛ asafo Yehowa aka afa Edom ho nie: “Nyansa+ nni Teman+ bio anaa? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔn nyansa no aporɔ+ anaa? 8 Dedanfoɔ+ ee, monnwane!+ Montu mmirika! Monkɔpɛ baabi ntɛ!+ Na mede amanehunu bɛba Esau so berɛ a mede m’ani bɛsi ne soɔ no.+ 9 Sɛ wɔn a wɔtete bobe ba a, anka wɔrennya bi wɔ aseɛ? Sɛ akorɔmfoɔ ba anadwo a, deɛ wɔpɛ nko ara na wɔbɛfom.+ 10 Nanso me deɛ, mɛyɛ Esau kwaterekwa.+ Mɛma ne huntabea ho ada hɔ,+ na obi rentumi nhunta.+ N’asefoɔ ne ne nuanom ne wɔn a wɔtete ne nkyɛn bɛsɛe,+ na ɔbɛyera.+ 11 Gya wo nnyanka,+ na me deɛ mɛhwɛ wɔn, na w’akunafoɔ bɛnya me mu ahotɔsoɔ.”+
12 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ! Wɔn a wɔntaa nnom kuruwa no ano mpo bɛnom ara.+ Na wo na wobɛfa wo ho adi anaa? Woremfa wo ho nni, nom ara na wobɛnom.”+
13 “Maka me ho ntam,”+ Yehowa asɛm nie, “sɛ ahodwirideɛ+ ne ahohoradeɛ ne amamfõ ne nnome na Bosra+ bɛyɛ, na ne nkuro nyinaa nso bɛdane amamfõ akɔsi daa.”+
14 Mate amanneɛbɔ bi afiri Yehowa hɔ, na watu abɔfoɔ kɔ amanaman no mu sɛ: “Mommoaboa mo ho nkɔ ne so, na monsɔre nkɔko.”+
15 “Hwɛ, mayɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu, na wɔmfa wo nyɛ hwee nnipa mu.+ 16 Ahopopoɔ a wode aba nkurɔfoɔ so ne w’akomam ahantan na adaadaa woɔ,+ wo a wode abotan ayɛ wo fie, baabi a ɛhɔ korɔn no. Woyɛ wo pirebuo ɔsorosoro sɛ ɔkɔdeɛ,+ nanso ɛhɔ na mɛyi wo afiri asi fam,”+ Yehowa asɛm nie. 17 “Edom bɛdane ahodwirideɛ,+ na obiara a ɔtwam hɔ no de ahodwiri bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma, n’amanehunu no nyinaa nti.+ 18 Sɛdeɛ wɔbutuu Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro no,”+ Yehowa asɛm nie, “saa ara na obiara rentena hɔ, na ɔdasani biara rensoɛ hɔ.+
19 “Hwɛ! Obi bɛsɔre sɛ gyata+ afiri Yordan kwaeɛbirentuo no mu aba huntabea hɔ,+ nanso mɛma no adwane afiri ne mu ntɛm.+ Deɛ wɔayi no na mede no bɛsi ne soɔ. Hwan na ɔte sɛ me?+ Hwan na ɔne me bɛdi asie,+ na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?+ 20 Enti afei, montie deɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛyɛ Edom+ ne deɛ wasusu sɛ ɔbɛyɛ Temanfoɔ:+ Ampa, wɔbɛtwe nnwammaa no ase. Ampa, wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea adane amamfõ.+ 21 Wɔbɛhwe ase birim ama asase awoso.+ Wɔreteateam!+ Wɔte dede no wɔ Po Kɔkɔɔ+ no ho. 22 Hwɛ! Obi firi soro bɛto aba ne so sɛ ɔkɔdeɛ,+ na ɔbɛtrɛ ne ntaban mu aba Bosra so,+ na da no, Edom nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔwɔ awoko yea+ mu akoma.”
23 Damasko+ deɛ nie: “Hamat+ ne Arpad+ ani awu, ɛfiri sɛ asɛmmɔne na wɔateɛ. Wɔn akoma atu.+ Ɛpo rebu fa so; ɛntumi nyɛ dinn.+ 24 Damasko akoma atu. Wadane ne ho adwane, na ehu aka no.+ Ahohia ne awoko yea akuta no sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ.+ 25 Adɛn nti na wɔnnya ayeyie kuro no, ahosɛpɛ kuro+ no nto hɔ?
26 “Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmɔnten so, na mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa bɛyɛ dinn ɛda no,”+ asafo Yehowa asɛm nie. 27 “Mɛto Damasko fasuo mu gya, na ɛbɛhye Ben-Hadad+ abandenden no.”
28 Kedar+ ne Hasor+ ahennie a Babilon hene Nebukadresar sɛee no no,+ deɛ Yehowa aka afa ho nie: “Monsɔre, monkɔ Kedar na monkɔsɛe Apueeɛfoɔ+ no. 29 Wɔbɛfa wɔn ntomadan+ ne wɔn nnwan+ ne wɔn ntomadan ho ntoma+ ne wɔn nneɛma nyinaa. Wɔbɛfa wɔn yoma+ afiri wɔn ho akɔ, na wɔbɛsu akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ahudeɛ atwa yɛn ho ahyia!’”+
30 “Monnwane, monnwane nkɔ akyirikyiri. Hasorfoɔ,+ monkɔpɛ baabi ntɛ,” Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ Babilon hene Nebukadresar+ abɔ mo ho pɔ bɔne, na wadwene mo ho adwemmɔne.”
31 “Monsɔre, momforo nkɔ ɔman a biribiara nha wɔn,+ na wɔte hɔ dwoodwoo+ no so!” Yehowa asɛm nie.
“Ɛnni apono na ɛnni mmeamu. Wɔn nko ara na wɔte hɔ.+ 32 Wɔn yoma+ bɛyɛ afomdeɛ, na wɔbɛfom wɔn nyɛmmoa bebrebe no. Mɛbɔ wɔn ahwete mframa nyinaa ano,+ wɔn a wɔatwitwa wɔn abɔdwesɛ+ no; mede mmusuo firi nkuro a ɛbembɛn nyinaa so aba wɔn so,” Yehowa asɛm nie. 33 “Na Hasor+ bɛdane sakraman+ atenaeɛ ne daa amamfõ. Obiara rentena hɔ, na ɔdasani biara rensoɛ hɔ.”+
34 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn a ɛfa Elam+ ho, Yuda hene Sedekia+ ahennie mfitiaseɛ nie: 35 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Hwɛ merebɛbubu Elam agyan,+ n’ahoɔden mfitiaseɛ no. 36 Mede mframa nnan bɛfiri ɔsoro afanan aba Elam so.+ Mɛbɔ wɔn ahwete mframa yi nyinaa ano,+ na ɔman bi nni hɔ a Elamfoɔ a wɔabɔ wɔn ahweteɛ+ no renkɔ hɔ.’”
37 “Na mɛbubu Elamfoɔ wɔn atamfoɔ anim, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no anim. Mede mmusuo ne m’abufuhyeɛ+ bɛba wɔn so,” Yehowa asɛm nie. “Na mɛsoma nkrantɛ adi wɔn akyi akɔsi sɛ mɛma wɔn ase ahyeɛ.”+
38 “Mede m’ahennwa bɛsi Elam,+ na mɛsɛe ɔhene ne ne mpanimfoɔ afiri hɔ,” Yehowa asɛm nie.
39 “Na ɛbɛba sɛ awieeɛ nna no mu no,+ mɛsan aboaboa Elam+ atukɔfoɔ ano,” Yehowa asɛm nie.