Yeremia
48 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka+ akyerɛ Moab+ nie: “Nebo+ nnue, ɛfiri sɛ wɔasɛe no! Wɔagu Kiriataim+ anim ase, wɔadi ne so nkonim. Wɔagu abantenten no anim ase, na wɔama ehu aka no.+ 2 Moab ayeyie+ nyinaa asa. Wɔasusu mmusuo bi atia no wɔ Hesbon+ sɛ: ‘Mommra mma yɛntwa no mfiri hɔ na wanyɛ ɔman bio.’+
“Wo, Madmin nso, yɛ komm. Nkrantɛ di w’akyi reba. 3 Wɔte sũ ne ɔsɛeɛ ne bubuo kɛseɛ wɔ Horonaim.+ 4 Wɔabubu Moab.+ Ne mma resũ. 5 Wɔde esũ na ɛforo Luhit+ kwan no korɔ—esũ nko ara. Nkurɔfoɔ ate sɛ abubu.+ Enti wɔsu yayaaya firi Horonaim kwan so siane ba.
6 “Monnwane; monnwane nnye mo kra+ na monyɛ sɛ serɛ so+ popaw dua. 7 Ɛsiane sɛ wode wo ho ato wo nnwuma ne w’ademudeɛ soɔ nti, wo nso wɔbɛdi wo so.+ Kemos+ ne n’asɔfoɔ ne ne mpanimfoɔ nyinaa+ bɛbom akɔ nkoasom mu.+ 8 Ɔsɛefoɔ no bɛba kuro biara so,+ na kuro biara nni hɔ a ɛbɛfiri mu afi.+ Ɔbɛma asasetamaa no afiri hɔ na asase a ɛda fam no asɛe sɛdeɛ Yehowa aka no.
9 “Momfa ɛkwan ahyɛnsodeɛ mma Moab, ɛfiri sɛ ɔbɛtete pasaa na wakɔ.+ Ne nkuro bɛyɛ ahodwirideɛ, na obiara rentena mu.+
10 “Nnome nka deɛ ɔtoto Yehowa adwuma aseɛ,+ na nnome nka deɛ ɔkame ne nkrantɛ, mogya ho!
11 “Moabfoɔ atena hɔ dwoodwoo firi wɔn mmɔfraberɛ mu,+ na wɔda wɔn puo so a biribiara nha wɔn.+ Wɔnhwie mfirii adeɛ baako mu nguu foforɔ mu, na wɔnkɔɔ nkoasom mu da. Ɛno nti na ne dɛ da so wɔ mu, na ne hwa nsesaeɛ no.
12 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛsoma ahwiefoɔ aba wɔn so na wɔabɛkyea wɔn+ ahwie wɔn agu, na wɔabobɔ wɔn nhina akɛseɛ no pasapasa. 13 Moab ani bɛwu Kemos+ ho sɛdeɛ Israel fie ani awu Betel a ɔde ne ho too soɔ ho no.+ 14 Mone hwan a moka sɛ: “Yɛyɛ nnɔmmarima+ ne mmarima ahoɔdenfoɔ a yɛkɔ ɔsa”?’
15 “‘Wɔasɛe Moab; obi ato ahyɛ ne nkuro so.+ Ne mmeranteɛ akantinka nso, wɔasiane kɔ owuo mu,’+ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm nie.+
16 “Moab amanehunu abɛn, na ne mmusuo repɛ ntɛm paa.+ 17 Wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa bɛgyam no, wɔn a wɔnim ne din+ no. Monka sɛ, ‘Ahoɔden poma no na abubuo yi, ahoɔfɛ dua no!’+
18 “Dibon+ babaa+ a wote kuro no mu, si firi animuonyam so, na tena sukɔm mu, ɛfiri sɛ Moab sɛefoɔ no aba wo so. Na wo nkuro a ɛyɛ den no, ɔbɛsɛe no.+
19 “Gyina hɔ na hwehwɛ kwan, O wo a wote Aroer.+ Bisa ɔbarima a ɔredwane ne ɔbaa a ɔrepɛ baabi afa. Bisa sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’+ 20 Wɔagu Moab anim ase, na ehu aka no.+ Montwa adwo na monsu. Monka no Arnon+ sɛ wɔasɛe Moab. 21 Atemmuo aba asase a ɛda fam no so,+ aba Holon ne Yahas+ ne Mefaat+ so, 22 aba Dibon+ ne Nebo+ ne Bet-Diblataim so, 23 aba Kiriataim+ ne Bet-Gamul ne Bet-Meon+ so, 24 aba Keriot+ ne Bosra+ ne Moab asase so nkuro nyinaa so, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn nyinaa.
25 “‘Wɔatwa Moab abɛn atwene,+ na wɔabu ne basa+ nso,’ Yehowa asɛm nie. 26 ‘Momma no nnom nsã mmo+ ɛfiri sɛ wama ne ho so atia Yehowa;+ Moab ayantam ne feɛ mu+ na wadane adeɛ a wɔdi ho fɛ.
27 “‘Israel anyɛ adeɛ a wɔdi ho fɛ amma wo anaa?+ Ɔka akorɔmfoɔ ho?+ Berɛ biara a wobɛkasa atia no no, wowosowoso wo ti.
28 “‘Mo, Moabfoɔ, monnya mo nkuro hɔ na monkɔtena botan+ so, na monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo wɔ ntokuro ano kwan nkyɛn.’”+
29 “Yɛate sɛdeɛ Moab ahoran no+—ɔyɛ dwɛɛ paa—yɛate n’ahomasoɔ ne n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’akoma a wama soɔ no.”+
30 “‘Me ara menim n’abufuo,’ Yehowa asɛm nie, ‘na ɛrenkɔsi baabiara; ne kasa hunu no+—ɔrentumi nyɛ hwee.+ 31 Ɛno nti na mɛtwa adwo wɔ Moab ho, na masu Moabfoɔ nyinaa no.+ Nnipa bɛdi Kir-Heres+ mmarima ho abooboo.
32 “‘O Sibma+ bobe, mɛsu wo asene Yaser+ ho su no. Wo duforɔ fɛfɛ atra po. Atra po akɔduru Yaser.+ Ɔsɛefoɔ no ato ahyɛ w’ahuhuro berɛ mu nnuaba+ ne wo bobe a woateteɛ so.+ 33 Wɔayi ahurisie ne ahosɛpɛ afiri turo no mu ne Moab asase so kɔ.+ Mama nsã atwa wɔ nsã-kyi-amena mu.+ Obiara remmɔ nnye so berɛ a wɔrekyĩ nsã. Sɛ wɔbɔ gye so mpo a, ɛrenyɛ nnyeso pa.’”+
34 “‘Wɔama wɔn nne so. Wɔate Hesbon+ nteamu no wɔ Eleale+ akɔduru Yahas.+ Wɔate Soar+ nteamu+ wɔ Horonaim+ ne Eglat-Selisiya.+ Nimrim+ asuo mpo bɛyera. 35 Na mɛma afɔrebɔdeɛ a wɔde ba sorɔnsorɔmmea ne afɔrebɔdeɛ a wɔhye ma wɔn anyame no agyae wɔ Moab,’+ Yehowa asɛm nie. 36 ‘Ɛno nti m’akoma bɛgyegye sɛ mmɛn ama Moab.+ Kir-Heres+ mmarima nso, m’akoma bɛgyegye sɛ mmɛn ama wɔn. Ɛno nti na nneɛma bebrebe a wanya no bɛsɛe no.+ 37 Obiara tiri ho apa+ na wɔatwitwa wɔn abɔdwesɛ.+ Wɔatwitwa obiara nsa ho akam,+ na atweaatam+ bɔ obiara mu!’”
38 “‘Wɔte agyaadwoɔ wɔ Moab adan atifi nyinaa ne ne mmɔnten so baabiara,+ ɛfiri sɛ mabubu Moab sɛ anwenneɛ bi a wɔmpɛ,’+ Yehowa asɛm nie. 39 ‘O monhwɛ sɛdeɛ ehu aka no! Montwa adwo! Monhwɛ sɛdeɛ Moab adwane! Animguaseɛ aka no.+ Moab adane adeɛ a wɔdi ho fɛ ne ahudeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.’”
40 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ to hyɛ aboa bi soɔ no,+ saa na obi bɛtrɛ ne ntaban mu aba Moab soɔ.+ 41 Wɔbɛdi ne nkuro so, na wɔagye n’abandenden no. Na da no, Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔwɔ awoko yea mu akoma.’”+
42 “‘Wɔbɛsɛe Moab na anyɛ ɔman bio,+ ɛfiri sɛ wama ne ho so atia Yehowa.+ 43 O Moabfoɔ, akomatuo ne amena ne fidie da mo so,’+ Yehowa asɛm nie. 44 ‘Obiara a akomatuo no nti ɔbɛdwane no bɛtɔ amena mu, na obiara a ɔbɛfiri amena no mu afi no, fidie no bɛyi no.’+
“‘Mede bɛba Moab so, n’akontabuo afe no,’+ Yehowa asɛm nie. 45 ‘Adwanefoɔ no akɔgyinagyina Hesbon nwunu mu a ahoɔden bi nni wɔn mu. Na egya bɛfiri Hesbon aba+ na gyaframa afiri Sihon+ abɛhye Moab asontorɔm na ahye hooyɛ mma no apampam.’+
46 “‘Moab due!+ Kemos+ ho nnipa asɛe. Ɛfiri sɛ wɔafa wo mma mmarima nnommum, na wo mma mmaa nso, wɔafa wɔn nnommum. 47 Na awieeɛ nna no mu no, mɛboaboa Moab atukɔfoɔ ano,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Moab ho atemmusɛm no si wɔ ha.’”+