Dwom 94:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 O asase Temmufoɔ, ma wo mu so,+Bɛtwe ahantanfoɔ aso.+ Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri. Yesaia 16:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Yɛate Moab ahomasoɔ no, sɛ ɔyɛ dwɛɛ papaapa.+ Na yɛate n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’abufuo no.+ Nanso n’ahohoahoa nyinaa yɛ kwa.+ Sefania 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yei ne aba a wɔbɛtwa afiri wɔn ahantan+ soɔ, ɛfiri sɛ wɔbɔɔ asafo Yehowa man ahohora, na wɔhoahoaa wɔn ho tiaa wɔn.+
6 Yɛate Moab ahomasoɔ no, sɛ ɔyɛ dwɛɛ papaapa.+ Na yɛate n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’abufuo no.+ Nanso n’ahohoahoa nyinaa yɛ kwa.+
10 Yei ne aba a wɔbɛtwa afiri wɔn ahantan+ soɔ, ɛfiri sɛ wɔbɔɔ asafo Yehowa man ahohora, na wɔhoahoaa wɔn ho tiaa wɔn.+