Yesaia
16 Momfa odwennini mfiri Sela mfa serɛ so nkɔma asase no so hene+ wɔ Sion babaa bepɔ so.+
2 Deɛ ɛbɛto Moab mma mmaa wɔ Arnon+ asutwareeɛ no bɛyɛ sɛ anomaa a wɔapamo no afiri ne pirebuo mu a ɔredwane.+
3 “Momfa mo afotuo mmra, monsi gyinaeɛ.+
“Ɛduru awia ketee a, ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo.+ Wɔn a wɔahweteɛ no, fa wɔn sie;+ na wɔn a wɔredwane no, nyi wɔn mma.+ 4 O Moab, ma me nkurɔfoɔ a wɔahweteɛ no ntena wo nkyɛn sɛ ahɔhoɔ.+ Wɔn a wɔbɛdwane afiri ɔsɛefoɔ+ no anim no, ma wɔn baabi nhunta. Deɛ ɔhyɛ wɔn soɔ no awieeɛ aduru; apoobɔ no to atwa; na wɔn a wɔtiatia afoforɔ soɔ no asa afiri asase so.+
5 “Wɔde ahennwa bi bɛtim hɔ adɔeɛ so,+ na obi bɛtena so nokorɛdie mu wɔ Dawid ntomadan mu.+ Ɔbɛbu atɛn ahwehwɛ atɛntenenee, na ɔbɛyɛ adetenenee ntɛm.”+
6 Yɛate Moab ahomasoɔ no, sɛ ɔyɛ dwɛɛ papaapa.+ Na yɛate n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’abufuo no.+ Nanso n’ahohoahoa nyinaa yɛ kwa.+ 7 Enti Moab bɛtwa n’amanehunu ho adwo, Moabfoɔ nyinaa bɛtwa adwo.+ Wɔn a wɔn ho hiahia wɔn yi bɛdi abooboo, Kir-Hareset+ bobe taterɛ nti, 8 ɛfiri sɛ Hesbon+ afuo ahye. Na Sibma+ bobe nso, aman no atumfoɔ abubu ne mmãn a aba wɔ soɔ no. Akɔduru Yaser,+ na ɛkyinkyini serɛ so. Ne mmãn mu atrɛtrɛ akɔtwa po.
9 Yei nti mede esu a mɛsu Yaser no bi bɛsu Sibma bobe.+ Mede me nisuo bɛfɔ wo, Hesbon+ ne Eleale+ nso, ɛfiri sɛ wɔteateam gu w’ahuhuro berɛ ne wo twaberɛ so.+ 10 Wɔapamo anigyeɛ ne ahosɛpɛ afiri turo no mu; ahurisi dwom ne nteateamu ayera afiri bobe nturo mu.+ Nsãkyifoɔ nnya nsã nkyi no nsã-kyi-amena mu bio.+ Mama nteateamu to atwa.+
11 Yei nti me nsono mu woso te sɛ sankuo wɔ Moab ho,+ na me yam hyehye me wɔ Kir-Hareset ho.+
12 Na ɛbɛdaa adi sɛ sɛ Moab ba kokoɔ so bɛsom+ a, ɔbrɛ kwa, na sɛ ɔba n’asɔrefie bɛbɔ mpaeɛ+ a, ɔnnya hwee.+
13 Yei ne asɛm a Yehowa aka dada afa Moab ho. 14 Yehowa aka nso sɛ: “Akyɛ koraa mfeɛ mmiɛnsa, sɛdeɛ wɔbu ɔpaani mfeɛ no,+ Moab animuonyam+ bɛbutu na aporɔ atete koraa, na wɔn a wɔbɛka no bɛyɛ kakraa bi, wɔrenyɛ den.”+