Yesaia
15 Moab ho atemmusɛm nie:+ Ɛsiane sɛ wɔasɛe no anadwo baako nti, Moab-Ar+ ayɛ komm. Ɛsiane sɛ wɔasɛe no anadwo baako nti, Moab-Kir+ ayɛ komm. 2 Waforo kɔ asɔrefie ne Dibon,+ ɔkɔ nkokoɔ so rekɔsu. Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab retwa adwo. Kuro no mufoɔ nyinaa abɔ tikwa+ na wɔayi wɔn abɔdwesɛ. 3 Wɔn nyinaa firafira atweaatam+ wɔ mmɔnten so. Obiara resu+ twa adwo wɔ adan atifi+ ne mmɔnten so. 4 Hesbon ne Eleale+ team, na wɔte wɔn nne wɔ Yahas+ tɔnn; yei nti Moab asraafoɔ teateam. Ne kra woso biribiri.
5 M’akoma si apini ma Moab.+ Wɔn a wɔredwane no kɔduru Soar+ ne Eglat-Selisiya.+ Obiara de nisuo foro Luhit+ kokoɔ no, na wɔtwa ɔsɛeɛ no ho adwo wɔ Horonaim+ kwan so. 6 Nimrim+ nsuo nyinaa ayera. Serɛ adwan, wura awu, na wura mono biara nni hɔ.+ 7 Ɛno nti wɔde wɔn ahodeɛ ne deɛ wɔapɛ asie nyinaa kɔtwa nsuano nnua subɔn no. 8 Nteateamu no wɔ Moab asase so baabiara.+ Adwotwa no aduru Eglaim, na benabɔ no aduru Beer-Elim, 9 ɛfiri sɛ Dimon nsuo nyinaa adane mogya. Na mede adeɛ foforɔ bɛba Dimon so. Ebi ne sɛ gyata bɛba Moabfoɔ a wɔredwane ne asase no so nkaefoɔ so.+