9 Yei nti mede esu a mɛsu Yaser no bi bɛsu Sibma bobe.+ Mede me nisuo bɛfɔ wo, Hesbon+ ne Eleale+ nso, ɛfiri sɛ wɔteateam gu w’ahuhuro berɛ ne wo twaberɛ so.+
17 Borɔdɔma rengu nhyerɛnee+ na bobe renso aba; ngodua ho adwuma bɛyɛ kwa, na mfuo remma aduane;+ nnwan bɛsã wɔ nnwammuo mu na anantwie asã wɔ ban mu.+