Yesaia
Ɛsiane sɛ wɔasɛe no anadwo baako nti,
Moab-Ar+ ayɛ komm.
Ɛsiane sɛ wɔasɛe no anadwo baako nti,
Moab-Kir+ ayɛ komm.
Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab resu teateam.
Obiara abɔ tikwa,+ obiara ayi n’abɔdwesɛ.+
3 Wɔfirafira awerɛhoɔ ntoma* wɔ ne mmɔnten so.
Wɔn nyinaa resu teateam wɔ wɔn adan atifi ne wɔn mmɔnten so;
Wɔresiane nyinaa, na wɔresu.+
Ɛno nti na Moab asraafoɔ teateam.
Ne ho* rewoso biribiribiri.
5 Moab nti, m’akoma resu.
N’adwanefoɔ akɔ ara akɔduru Soar+ ne Eglat-Selisiya.+
Wɔreforo Luhit kokoɔ nyinaa, na wɔresu;
Wɔnam kwan so rekɔ Horonaim nyinaa, na wɔresu teateam wɔ ɔsɛeɛ no ho.+
7 Ɛno nti na wɔsoso wɔn ahodeɛ ne ne nneɛma a aka wɔ wɔn adekoradan mu rekɔ no;
Wɔretwa subɔn a nsuano nnua wom no.
8 Agyaadwoɔ no gyegye Moab asaase so baabiara.+
Esũ ne nteateamu no aduru Eglaim;
Esũ ne nteateamu no aduru Beer-Elim.
9 Dimon nsuo nyinaa adane mogya,
Nanso deɛ mede reba Dimon so no sene ɛno koraa:
Mede gyata bɛba Moabfoɔ a wɔredwane
Ne wɔn a wɔaka wɔ asaase no soɔ no so.+