Yesaia
14 Na Yehowa bɛhu Yakob mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan ayi Israel.+ Ɔde wɔn bɛtena* wɔn asaase so,+ na ahɔhoɔ de wɔn ho bɛbɔ wɔn na wɔde wɔn ho afam Yakob fie ho.+ 2 Na nkurɔfoɔ bɛfa wɔn na wɔde wɔn aba wɔn asaase so, na Israel fie de wɔn bɛyɛ agyapadeɛ na wɔayɛ nkoa ne mfenaa+ wɔ Yehowa asaase so. Na wɔn a wɔkyee wɔn kɔeɛ no, wɔn nso bɛkye wɔn bi, na wɔn a wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwuma no bɛba abɛhyɛ wɔn ase.
3 Ɛda a Yehowa bɛma woahome afiri wo yea ne w’abɛbrɛsɛ ne wo nkoasom mu brɛ mu no,+ 4 wobɛbu Babilon hene bɛ* sɛ:
“Ei! Deɛ ɔhyɛ nkurɔfoɔ ma wɔyɛ adwuma no na n’awieeɛ aba yi!
Nhyɛsoɔ na ɛtoɔ atwa yi!+
5 Yehowa abubu abɔnefoɔ abaa,
Ne atumfoɔ poma,+
6 Deɛ ɔde abufuhyeɛ bobɔ aman a ɔnnyae,+
Deɛ ɔtan amanaman ani a ɔnnyae, na ɔde abufuo hyɛ wɔn so no.+
7 Asaase nyinaa so adwo; ɔhaw biara nni so.
Nkurɔfoɔ de anigyeɛ bɔ ose.+
8 Deɛ ato wo no ama papao nnua
Ne Lebanon sida nnua mpo ani agye.
Wɔka sɛ, ‘Ɛfiri berɛ a wohwee ase yi,
Obi a ɔbu nnua biara mmaa yɛn so.’
Wo nti, wanyane awufoɔ a wɔntumi nyɛ hwee no,
Asaase so atumfoɔ a wɔn tirim yɛ den* nyinaa.
Wama amanaman no ahemfo nyinaa asɔre afiri wɔn nhennwa so.
10 Wɔn nyinaa ka kyerɛ wo sɛ,
‘Wo nso woadwodwo te sɛ yɛn anaa?
Woayɛ sɛ yɛn anaa?
Mmoaa manyamanya abɛyɛ mpa a woda so,
Na nsonsono abɛyɛ ntoma a ɛkata wo ho.’
12 Hwɛ sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,
O wo a wohyerɛn, adekyeeɛ ba!
Hwɛ sɛdeɛ wɔatwa wo abɛhwe asaase so,
Wo a wobrɛɛ aman ase!+
13 Wokaa no wɔ w’akomam sɛ: ‘Mɛforo akɔ soro.+
Mɛma m’ahennwa so asi Onyankopɔn nsoromma atifi,+
Na mɛtena nhyiamu bepɔ no so,
Wɔ atifi fam akyirikyiri.+
14 Mɛforo atra ɔsoro mununkum;
Mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.’
16 Wɔn a wɔbɛhu wo no bɛhwɛ wo hãã;
Wɔbɛgyene wɔn ani ahwɛ wo aka sɛ:
‘Ɛnyɛ ɔbarima a na ɔma asaase woso,
Na ɔmaa ahennie ahodoɔ hinhimiiɛ no nie?+
17 Ɛnyɛ ɔno na ɔmaa asaase danee serɛ,
Na ɔkaa ɛso nkuro butuiɛ,+
Na wamma ne nneduafoɔ kwan ankɔ wɔn fie no?’+
19 Nanso wo deɛ, woannya adamena biara. Wɔato wo atwene
Te sɛ dua foforɔ* a wɔapoɔ,
Te sɛ obi a mmarima a wɔatotɔ sekan ano akata ne ho baabiara,
Te sɛ mmarima a wɔasiane kɔ amena a aboɔ wom mu,
Te sɛ efunu a wɔatiatia so.
Wɔremmɔ abɔnefoɔ asefoɔ din bio da.
21 Monsiesie baabi a mobɛkum ne mma,
Wɔn agyanom bɔne nti,
Na wɔansɔre amfa asaase no,
Na wɔankyekyere nkuro anhyɛ so ma.”
22 “Mɛsɔre aba wɔn so,”+ asafo Yehowa na aka.
“Edin oo, nkaefoɔ oo, mma oo, mmanana oo, mɛpepa ne nyinaa afiri Babilon,”+ Yehowana aka.
23 “Mede no bɛma akɔtɔkɔ, na ɛhɔ bɛdane asaase a nsuo taa so,* na mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no akɔ,”+ asafo Yehowa na aka.
24 Asafo Yehowa aka ntam sɛ:
“Deɛ masusu no, ɛno ara na ɛbɛba mu,
Na gyinaeɛ a masi no, ɛno ara na ɛbɛyɛ hɔ.
Wɔbɛyi ne kɔndua afiri wɔn so,
Na wɔayi ne nnesoa afiri wɔn mmati so.”+
Watene ne nsa,
Hwan na ɔbɛtumi akoa mu?+
28 Afe a Ɔhene Ahas wuiɛ no,+ wɔde asɛm yi too dwa:
29 “Filistia, mo mu biara nnni ahurisie,
Ɛsiane sɛ abaa a mo tamfo de hwee mo no mu abu nti.
30 Mmɔborɔwafoɔ mmakan bɛdidi,
Na ahiafoɔ ada ama wɔn asom adwo wɔn.
Nanso wo deɛ, mede ɛkɔm bɛku wo nhini,
Na wɔn a wɔbɛka wɔ wo mu no nso, wɔbɛkunkum wɔn.+
31 O ɛponkɛseɛ, su teateam! Kurokɛseɛ, team!
O Filistia, mo nyinaa mo akoma bɛtu!
Ɛfiri sɛ wisie bi firi atifi reba,
Na n’asraafoɔ no mu biara nni hɔ a ɔbɛka akyire.”
32 Asɛm bɛn na wɔde bɛbua nkurɔfoɔ a ɔman no asoma wɔn* no?
Wɔbɛbua wɔn sɛ, Yehowa ato Sion fapem,+
Na ne man mu mmɔborɔwafoɔ bɛhwehwɛ dwankɔbea wɔ ne mu.