Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 47:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 47 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn ansa na Farao resɛe Gasa no nie. Ɛfa Filistifoɔ ho.+

  • Hesekiel 25:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛtene me nsa wɔ Filistifoɔ so,+ na mɛtwa Keretifoɔ afiri hɔ,+ na masɛe nnipa a aka a wɔtete mpoano no.+

  • Yoel 3:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Tiro ne Sidon ne Filistia nkuro nyinaa,

      Ɛdeɛn na mowɔ tia me?

      Mayɛ mo biribi na moreyɛ bi atua me ka anaa?

      Sɛ moretua me biribi so ka a,

      Ɛnneɛ mɛyɛ ntɛm adane mo akatua no aba mo so.+

  • Amos 1:6-8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Deɛ Yehowa aka nie,

      ‘“Gasa bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

      Ɛfiri sɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afiri wɔn man mu+ kɔmaa Edom.

       7 Enti mede egya bɛto Gasa fasuo mu,+

      Na ɛbɛhye n’aban a ɛyɛ den no.

       8 Na mɛsɛe wɔn a wɔtete Asdod,+

      Ne deɛ ɔdi hene* wɔ Askelon no;+

      Na mɛtene me nsa wɔ Ekron so,*+

      Na Filistifoɔ a aka no bɛyera,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’

  • Sefania 2:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Ɛfiri sɛ wɔbɛgya Gasa kuro no ato hɔ,

      Na wɔbɛsɛe Askelon pasaa.+

      Wɔbɛpamo Asdod awia ketee,

      Na wɔatu Ekron ase.+

  • Sakaria 9:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  5 Askelon bɛhunu, na ɔbɛsuro;

      Gasa ho bɛyera no paa,

      Ekron nso ho bɛyera no paa, ɛfiri sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ ne mu no anim agu ase.

      Ɔhene bɛyera afiri Gasa,

      Na obiara rentena Askelon.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane