Yoel
3 “Hwɛ! Nna no mu,
Sɛ mede Yuda ne Yerusalemfoɔ a wɔakɔdi obi man so no san ba saa berɛ no a,+
2 Mɛboaboa amanaman nyinaa nso ano,
Me man ne m’agyapadeɛ Israel nti,
Mɛbu wɔn atɛn wɔ hɔ,+
Ɛfiri sɛ wɔabɔ wɔn ahwete amanaman no mu,
Na wɔakyɛ m’asaase afa.+
4 Tiro ne Sidon ne Filistia nkuro nyinaa,
Ɛdeɛn na mowɔ tia me?
Mayɛ mo biribi na moreyɛ bi atua me ka anaa?
Sɛ moretua me biribi so ka a,
Ɛnneɛ mɛyɛ ntɛm adane mo akatua no aba mo so.+
5 Moafa me dwetɛ ne me sika kɔkɔɔ,+
Na mode m’akoradeɛ a ɛsom bo akɔgu mo abosomfie;
6 Yuda ne Yerusalemfoɔ nso, moatɔn wɔn ama Greecefoɔ+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtu wɔn afiri wɔn asaase so akɔ akyirikyiri;
7 Ɛno nti mɛma wɔafiri beaeɛ a motɔn wɔn kɔeɛ no aba,+
Na mɛdane mo akatua no aba mo so.
8 Mɛtɔn mo mma mmarima ne mo mma mmaa ahyɛ Yudafoɔ nsa,+
Na wɔn nso bɛtɔn wɔn ama Sabafoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri,
Yehowa na aka.
9 Mommɔ dawuro wɔ amanaman mu sɛ:+
‘Monsiesie mo ho nkɔko!* Monkanyan mmarima akatakyie!
Momma mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa ntwe mmɛn, momma wɔmmra!+
10 Momfa mo nsɔ nyɛ sekan a wɔde kɔ ɛko, na momfa mo kantankrankyi* nyɛ mpea.
Deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ma no nka sɛ: “Me ho yɛ den.”
11 Aman a moatwa ahyia nyinaa, mommɛboa; mommoaboa mo ho ano.’”+
O Yehowa, fa w’ahoɔdenfoɔ* no bra hɔ.
12 “Momma amanaman no nsɔre mmra Yehosafat Bɔn mu,*
Na ɛhɔ na mɛtena abu amanaman a atwa ahyia nyinaa atɛn.+
13 “Monto kantankrankyi, na nnɔbaeɛ no awo* sɛ wɔtwa.
Mommra mmɛtiatia so, ɛfiri sɛ amena a wɔkyĩ nsã wom no ayɛ ma.+
Adeɛ a wɔkyĩ nsã gu mu no ayɛ ma abu so; wɔn bɔne adɔɔso.
15 Awia ne bosome bɛduru sum,
Na nsoromma renhyerɛn bio.
16 Yehowa bɛbobom afiri Sion,
Na ɔbɛma ne nne so afiri Yerusalem.
17 Mobɛhu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔ kronkron so no.+
18 Saa da no, nsã* dɔkɔdɔkɔ bɛsosɔ afiri mmepɔ so;+
Nufosuo bɛsene afiri nkokoɔ so,
Na nsuo bɛsene Yuda nsubɔn nyinaa mu.