Yoel
Monhyɛn ɛko totorobɛnto wɔ me bepɔ kronkron so.
Momma asaase no sofoɔ nyinaa ho mpopo,
Ɛfiri sɛ Yehowa da no reba,+ na abɛn!
Ɔman bi wɔ hɔ a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den;+
Ɛso bi mmaa da,
Na wɔn akyi nso ebi remma bio,
Awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
Wɔte sɛ ɔman a ɛyɛ den a wɔaboa wɔn ano wɔ akono.+
6 Wɔn nti, nkurɔfoɔ ho bɛyera wɔn.
Obiara anim bɛsinsiam.
7 Wɔtu ba sɛ mmarima akatakyie.
Wɔforo ɔfasuo sɛ asraafoɔ a wɔrekɔ ɛko.
Obiara nam ne kwan so
Na wɔmmane mfiri wɔn kwan so.
8 Obi nsum ne yɔnko.
Obiara nam ne kwan so tẽẽ.
Sɛ wɔn mu bi wu akono* mpo a,
Wɔn a wɔaka no mmane.
9 Wɔbɔ wura kuro mu. Wɔtu mmirika fa afasuo so.
Wɔforo adan, na wɔfa mpomma mu sɛ akorɔmfoɔ.
10 Asaase hinhim wɔn anim, na ɔsoro woso.
Awia ne bosome aduru sum,+
Na nsoromma agyae hyerɛn.
11 Yehowa bɛma ne nne so wɔ n’asraafoɔdɔm anim,+ ɛfiri sɛ ne dɔm no dɔɔso paa.+
Hwan na ɔbɛtumi agyina ano?”+
13 Monsuan mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntaadeɛ.+
Monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn,
Ɛfiri sɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu, ne bo mfu ntɛm,+ ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+
Na ɔsɛeɛ a ɔde reba no, ɔbɛgyae ama no aka.*
14 Hwan na ɔnim sɛ ebia ɔbɛsan na wagyae ama no aka,+
Na wahyira wo,
Na wode aduane afɔreɛ ne nsã afɔreɛ ama Yehowa wo Nyankopɔn?
15 Mommɔ abɛn wɔ Sion.
Momma wɔnyɛ akɔnkyene. Momma wɔnyɛ nhyiamu titire.+
16 Mommoaboa ɔman no ano. Monte asafo no ho.+
Mommoa mpanimfoɔ no ano. Mommoaboa mmɔfra ne wɔn a wɔnom nufoɔ no ano.+
Momma ayeforɔkunu mpue mfiri ne pia mu na ayeforɔ mpue mfiri n’ayeforɔ dan mu.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔka sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”’+
19 Yehowa bɛbua ne man sɛ:
‘Hwɛ, mede aduane ne bobesa foforɔ ne ngo rebrɛ mo,
Na mobɛmee paa;+
Meremma amanaman no nni mo ho fɛ bio.+
20 Mɛpamo deɛ ɔfiri atifi fam no afiri wo ho akɔ akyirikyiri.
Asaase wesee a obiara nte so no, ɛso na mɛbɔ no ahwete;
Na mede dɔm a wɔdi akyire akyerɛ atɔeɛ fam po.*
Ne ho pampan bɛkɔ akɔduru ɔsoro,
Na ɔsoro ara na ne ho nka bɛkɔ akɔduro;+
Onyankopɔn bɛyɛ ade kɛseɛ.’
21 O asaase, nsuro.
Ma w’ani nnye na di ahurisie, na Yehowa bɛyɛ ade kɛseɛ.
22 Wuram mmoa, monnsuro,
Ɛfiri sɛ serɛ so adidibea bɛyɛ frɔmfrɔm,+
Na nnua bɛso aba.+
Borɔdɔma dua ne bobe bɛso aba a ɛsɛ sɛ ɛso nyinaa.+
23 Sion mma, momma mo ani nnye, na monni Yehowa mo Nyankopɔn mu ahurisie,+
Na ɔbɛma mo nsuo a ɛdi kan* sɛdeɛ ɛsɛ,
Na ɔbɛma nsuo atɔ ama mo
Ama moanya nsuo a ɛdi kan ne nsuo a ɛtwa toɔ* sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.+
24 Hwiit* a wɔaporo bɛyɛ ayuporobea ma,
Na bobesa foforɔ ne ngo bɛbu so wɔ amena a wɔkyi nsã wom mu.+
25 Na mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ a wɔtu yuu, ntutummɛ a wɔnni ntaban, ntutummɛ a wɔdidi fuu, ne ntutummɛ a wɔsɛe nneɛma,
M’asraafoɔdɔm kɛseɛ a mesomaa wɔn baa mo mu no+ dii mo nnɔbaeɛ no,
Mɛhyɛ ananmu.
Me man ani renwu bio da.
28 Ɛno akyi no, mɛhwie me honhom+ agu ɔhonam ahodoɔ nyinaa so,
Na mo mma mmarima ne mo mma mmaa bɛhyehyɛ nkɔm,
Mo mpanimfoɔ nso bɛsoso adaeɛ,
Na mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu.+
29 Mɛhwie me honhom agu me nkoa ne me mfenaa mpo so
Wɔ saa nna no mu.