Yesaia 15:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Waforo kɔ asɔrefie ne Dibon,+ ɔkɔ nkokoɔ so rekɔsu. Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab retwa adwo. Kuro no mufoɔ nyinaa abɔ tikwa+ na wɔayi wɔn abɔdwesɛ. Yeremia 48:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Wɔagu Moab anim ase, na ehu aka no.+ Montwa adwo na monsu. Monka no Arnon+ sɛ wɔasɛe Moab.
2 Waforo kɔ asɔrefie ne Dibon,+ ɔkɔ nkokoɔ so rekɔsu. Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab retwa adwo. Kuro no mufoɔ nyinaa abɔ tikwa+ na wɔayi wɔn abɔdwesɛ.