Yesaia
17 Damasko ho atemmusɛm nie:+ “Hwɛ, Damasko nyɛ kuro bio, abubu adane sumpii, asɛe koraa.+ 2 Wɔagya Aroer+ nkuro ama nnwan abɛgye hɔ afa, na wɔbutubutu hɔ a obiara renyi wɔn hu.+ 3 Wɔapepa kuro a ɛyɛ den no afiri Efraim,+ na ahennie asɛe afiri Damasko.+ Na Siriafoɔ a wɔaka no animuonyam bɛyɛ sɛ Israelfoɔ animuonyam,” asafo Yehowa anom asɛm nie.+
4 “Saa da no, Yakob animuonyam bɛhi.+ Ne honam a adɔ sradeɛ no bɛfɔn aka ketekete.+ 5 Na sɛ okuafoɔ retwa nnɔbaeɛ na ɔpempan n’ayuo+ mpo a, ɔbɛyɛ sɛ obi a ɔresesa ayuo ase wɔ Refaim bɔn mu.+ 6 Na aseɛ no bi bɛka te sɛ berɛ a wɔawoso ngodua: aba mmienu anaa mmiɛnsa bɛka dua no nkɔnmu, na nnan anaa nnum bɛka ne mman so,” Israel Nyankopɔn Yehowa anom asɛm nie.+
7 Saa da no, onipa bɛma n’ani so ahwɛ ne Yɛfoɔ na n’ani agyina Israel Kronkronni no.+ 8 Ɔrenhwɛ afɔrebukyia+ a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no;+ na ɔremma n’ani nnyina deɛ ɔde ne nsa ayɛ biara, abosonnua anaa aduhwam adeɛ.+ 9 Saa da no, ne nkuro a ɛyɛ den bɛyɛ sɛ bea a aka kwaeɛ mu, te sɛ duban a Israelfoɔ nti wɔagya; na ɛbɛdane amamfõ.+ 10 Wo werɛ afiri+ wo nkwagyeɛ Nyankopɔn,+ na wonkae wo Botan+ denden no bio. Ɛno nti wodua nnua fɛfɛ, na wotɛ ɔnanani dua wɔ hɔ. 11 Wogye wo nnua ho ban awia, na woma w’aba fifi anɔpa, nanso da a yare bɔne anaa yea a ɛnni sabea bɛba no, ɛso aba bɛtu ayera.+
12 Hwɛ, aman ayɛ hagyahagya na wɔbu fa so te sɛ po a ɛrehuru kutukutu! Na aman yɛ dede te sɛ nsukɛseɛ a ɛreworo.+ 13 Aman+ no bɛyɛ dede te sɛ nsuo bebree. Na ɔbɛka n’anim,+ na ɛbɛtu akɔ akyirikyiri na wɔatĩ no te sɛ bepɔ so ntɛtɛ wɔ mframa anim, te sɛ ahahan a adwan wɔ ahum anim.+ 14 Ɛduru anwummerɛ a, akomatuo nko ara. Na ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔnni hɔ.+ Yei ne wɔn a wɔfom yɛn nneɛma no kyɛfa, na yei ne wɔn a wɔfa yɛn ho nneɛma no deɛ.+