Deuteronomium 32:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa tene.+Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.+ 2 Samuel 22:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Hwan ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+Na hwan ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+ Dwom 18:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Yehowa ne me botan ne m’abandenden ne me Gyefoɔ.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na medwane metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.+ Yesaia 26:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Momfa mo ho nto Yehowa so daa,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa mu na yɛn daa Botan+ wɔ.
4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa tene.+Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔteneneeni a ɔbu atɛntenenee.+
2 Yehowa ne me botan ne m’abandenden ne me Gyefoɔ.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na medwane metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.+