Deuteronomium 7:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wonim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛ nokorɛ Nyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ+ a ɔdi n’apam soɔ,+ na wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ no, ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ wɔn kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem so.+ Nehemia 9:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Wotene+ wɔ deɛ aba yɛn soɔ nyinaa mu, ɛfiri sɛ woadi nokorɛ+ wɔ deɛ woayɛ mu, na yɛn na yɛayɛ bɔne.+ Dwom 98:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛdie ama Israel fie.+Asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.+ Hebrifoɔ 10:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Momma yɛnsɔ yɛn anidasoɔ+ ho mpaemuka no mu pintinn a yɛnhinhim,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔhyɛɛ bɔ no yɛ nokwafoɔ.+ 1 Petro 4:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Enti wɔn a wɔhunu amane sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ teɛ no nso mfa wɔn kra nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ no nsa berɛ a wɔreyɛ papa no.+
9 Wonim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛ nokorɛ Nyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ+ a ɔdi n’apam soɔ,+ na wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ no, ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ wɔn kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem so.+
33 Wotene+ wɔ deɛ aba yɛn soɔ nyinaa mu, ɛfiri sɛ woadi nokorɛ+ wɔ deɛ woayɛ mu, na yɛn na yɛayɛ bɔne.+
23 Momma yɛnsɔ yɛn anidasoɔ+ ho mpaemuka no mu pintinn a yɛnhinhim,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔhyɛɛ bɔ no yɛ nokwafoɔ.+
19 Enti wɔn a wɔhunu amane sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ teɛ no nso mfa wɔn kra nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ no nsa berɛ a wɔreyɛ papa no.+