Deuteronomium 32:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Wɔn botan no nte sɛ yɛn Botan no,+Na yɛn atamfo mpo bɛgye atom saa.+ 1 Samuel 2:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa, obiara nni hɔ sɛ wo;+Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+ Dwom 18:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Hwan ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+Na hwan ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+ Dwom 94:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Nanso Yehowa bɛyɛ m’abantenten,+Na me Nyankopɔn bɛyɛ me dwankɔbea botan.+ Dwom 95:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 95 Mommra ɛ, momma yɛnto ahurisi dwom mma Yehowa!+Momma yɛmmɔ yɛn nkwagyeɛ Botan no ose.+