Yesaia
3 Nkuro a wɔabɔ ho ban bɛyera afiri Efraim,+
Na ahennie ayera afiri Damasko;+
Na Siriafoɔ a wɔaka no
Bɛyɛ sɛ Israelfoɔ* animuonyam,” asafo Yehowa na aka.
6 Aseɛ kakraa bi na ɛbɛka,
Te sɛ berɛ a wɔwoso ngodua:
Ngodua aba a abere mmienu anaa mmiɛnsa pɛ na ɛbɛka wɔ dua no nkɔnmu,
Na nnan anaa nnum pɛ na ɛbɛka wɔ ne mman so,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa na aka.
7 Saa da no, onipa bɛma n’ani so ahwɛ ne Yɛfoɔ na ɔbɛgyene n’ani ahwɛ Israel Kronkronni no. 8 Ɔrenhwɛ afɔrebukyia+ a ɛyɛ ne nsa ano adwuma+ no; na ɔrennyene n’ani nhwɛ deɛ ɔde ne nsateaa ayɛ, abosonnua* anaa adeɛ a wɔde hye aduhwam.
9 Saa da no, ne nkuro a ɛyɛ den bɛyɛ sɛ beaeɛ a aka kwaeɛ mu,+
Te sɛ nkorabata a wɔgyaa no wɔ Israelfoɔ anim;
Ɛbɛdane amamfo.
Ɛno nti na wodua nnua fɛfɛɛfɛ
Na wotɛ ɔnanani dua* wɔ hɔ no.
11 Woto wo bo ase gye wo nnua ho ban awia,
Woma w’aba fifi anɔpa,
Nanso da a yareɛ ne yea a ɛrennyae da bɛba no, ɛso aba bɛtu ayera.+
12 Tie! Aman yɛ gyegyeegye,
Wɔbu fa so te sɛ po a ɛrehuru kutukutu!
Aman yɛ dede,
Wɔn dede te sɛ nsuo kɛseɛ a ɛreworo so!
13 Aman no bɛyɛ dede te sɛ nsuo bebree a ɛreworo so.
Ɔbɛka wɔn anim, na wɔbɛdwane akɔ akyirikyiri,
Wɔbɛti wɔn te sɛ bepɔ so ntɛtɛ a mframa de rekɔ,
Te sɛ nwura* a ahum ama ɛredi kyinhyia.
14 Ɛduru anwummerɛ a, akomatuo.
Ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔnni hɔ.
Wei ne wɔn a wɔfom yɛn nneɛma no kyɛfa,
Ne wɔn a wɔgye yɛn ho nneɛma no kyɛfa.