8 Ɛhyeɛ no foro kɔfa Hinom Ba Bɔn*+ no ano kɔsi Yebusi+ kokoɔ no nkyɛnmu wɔ anaafoɔ, kyerɛ sɛ, Yerusalem.+ Na bepɔ a ani kyerɛ Hinom Bɔn no atɔeɛ fam wɔ Refaim Bɔn no atifi fam tɔnn no, ɛhyeɛ no foro kɔ n’atifi.
16 Ɛhyeɛ no siane kɔfa bepɔ a ɛne Hinom Ba Bɔn+ di nhwɛanimu no ho pɛɛ. Saa bepɔ yi kɔ ara kɔduru Refaim+ Bɔn* no atifi fam. Na ɛhyeɛ no siane kɔfa Hinom Bɔn mu kɔ Yebusifoɔ+ kokoɔ so wɔ anaafoɔ fam, na ɛsiane kɔ En-Rogel.+