Yesaia
“Monkɔ, asomafoɔ* a mo ho yɛ hare,
Monkɔ ɔman a emufoɔ yɛ atenten na wɔn ho yɛ tromtrom no nkyɛn,
Monkɔ nnipa a wɔsuro wɔn wɔ baabiara no nkyɛn,+
Monkɔ ɔman a wɔn ho yɛ den na wɔredi nkonim* no nkyɛn,
Ɔman a nsubɔnten ahohoro wɔn asaase no.”
3 Mo a mote wiase ne mo a mote asaase so nyinaa,
Deɛ mobɛhunu no bɛyɛ sɛ ahyɛnsodeɛ* a wɔde asi mmepɔ so,
Na mobɛte nne bi te sɛ deɛ wɔrebɔ abɛn.
4 Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie:
“Mɛyɛ komm na mahwɛ m’atenaeɛ,*
Te sɛ awia ketee ne emu ahuhuro,
Te sɛ bosuo mununkum wɔ twaberɛ mu ahuhuro mu.
5 Ansa na twaberɛ bɛduru no,
Sɛ nhyerɛnee gu wie na bobe no gyegye a,
Wɔde kantankrankyi* bɛtwitwa deɛ afefɛ wɔ ho no,
Na wɔatwitwa ɛho nhoma ato agu.
6 Wɔbɛgya wɔn afunu nyinaa ama mpɛtɛ
Ne asaase so mmoa.
Mpɛtɛ bɛtena wɔn nam ho ahuhuro berɛ,
Na asaase so mmoa nyinaa atena ho twaberɛ.