Mmebusɛm
8 Ɛnyɛ nyansa na ɛteam,+ na nhunumu ma ne nne soɔ?+ 2 Ɛgyina sorosoro,+ kwan so, nkwanta so. 3 Ɛteam dendeenden+ wɔ kuro apono ho, kurotia,+ aboboano sɛ:
4 “Mo, nnipa mma na merefrɛ mo, na mema me nne so kyerɛ adasamma.+ 5 Agyimfoɔ, momma mo ani nte;+ na nkwaseafoɔ nso, monnya nteaseɛ akoma.+ 6 Montie, ɛfiri sɛ deɛ ɛhia ho asɛm na mereka,+ na teeyɛ+ ho asɛm na mebue m’ano ka. 7 Sɛ mebue m’ano a, nokorɛ na mebrɛ me nne ase ka;+ na m’ano kyiri amumuyɔsɛm.+ 8 M’anom nsɛm nyinaa nam tenenee mu.+ Akɔntɔnkyesɛm anaa nsɛm a akyinkyim biara nni mu.+ 9 Ne nyinaa tene ma deɛ ɔwɔ nhunumu, na ɛdi mu ma wɔn a wɔanya nimdeɛ.+ 10 Momfa me ntenesoɔ, na ɛnyɛ dwetɛ, ne nimdeɛ, na ɛnyɛ sika amapa.+ 11 Ɛfiri sɛ nyansa yɛ sene mmota,+ na afɛfɛdeɛ foforɔ biara ne no nsɛ.+
12 “Me, nyansa, me ne aniteɛ+ na ɛteɛ, na mewɔ nimdeɛ ne adwempa.+ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri. 14 Mewɔ afotuo+ ne nyansa.+ Me—nteaseɛ;+ mewɔ tumi.+ 15 Me so na ahemfo nam di tumi, na atumfoɔ hyɛ adetenenee+ ho mmara. 16 Me so na atitire nam di tumi sɛ atitire,+ na mmapɔmma nyinaa nam bu atɛn, tenenee mu.+ 17 Wɔn a wɔdɔ me no,+ wɔn na medɔ wɔn, na wɔn a wɔhwehwɛ m’akyiri kwan no, wɔn na wɔhu me.+ 18 Ahonya ne animuonyam yɛ me dea,+ agyapadeɛ ne tenenee.+ 19 M’aba yɛ sene sika, ɛsene sika a wɔasɔne soɔ, na me nnɔbaeɛ yɛ sene dwetɛ+ amapa. 20 Tenenee tempɔn mu na menam,+ atɛntenenee+ akwan mfimfini, 21 sɛ mɛma wɔn a wɔdɔ me anya adepa adi;+ na mɛma wɔn asan ayɛ amaama.+
22 “Yehowa na ɔbɔɔ me de firii ne kwan ase,+ ne nnwuma a ɛfiri teteete no mu deɛ ɛdi kan.+ 23 Ɔde me sii hɔ firii teteete,+ mfitiaseɛ no, ansa na asase reba.+ 24 Subunu biara nni hɔ no, na wɔawo me,+ nsutire a ɛba nsuo pii biara nni hɔ no, 25 ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ,+ na nkokoɔ nnya mmaeɛ no, na wɔawo me. 26 Ɔnnya nyɛɛ asase+ ne kwaeɛ na ɔnhyɛɛ aseɛ nyɛɛ asase+ so dɔteɛ no, 27 ɔsiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ;+ ɔtwaa subunu ani kɔntɔnkrɔn,+ 28 ɔde mununkum sensɛnee ɔsoro pintinn,+ na ɔyeree subunu asutire mu+ no, 29 ɔtwaa ɛpo hyeɛ na nsuo ammu ne mmara so,+ berɛ a ɔhyehyɛɛ asase+ fapem no, 30 ná mewɔ ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a ne ho akokwa,+ ná meyɛ obi a ɔpɛ m’asɛm yie+ daa nyinaa, na m’ani gyee n’anim daa,+ 31 m’ani gyee n’asase+ a ɛma nnɔbaeɛ no ho, na nnipa mma ho nsɛm na na ɛda m’akoma soɔ.+
32 “Enti afei me mma, montie me; anigyeɛ ne wɔn a wɔfa m’akwan so ampa.+ 33 Tie ntenesoɔ na hunu nyansa,+ na mmu w’ani ngu so da.+ 34 Anigyeɛ ne onipa a ɔtie me na ɔwɛn m’aboboano daa nyinaa, na ɔwɛn me pono ano aponnwa.+ 35 Deɛ ɔhu me no bɛnya nkwa,+ ɔbɛnya adom afiri Yehowa hɔ.+ 36 Deɛ ɔnhu me no yɛ ne kra bɔne;+ wɔn a wɔkyiri me nyinaa dɔ owuo.”+