Dwom 19:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛyɛ akɔnnɔ sene sika, ɛsene sika amapa mpo;+Ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ+ ne ɛwoɔ a ɛsosɔ firi ɛwoɔkyɛm+ mu. Dwom 119:72 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 72 W’anom mmara+ yɛ ma me,+Ɛyɛ sene sika ne dwetɛ mpempem.+ Dwom 119:127 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 127 Enti na madɔ wo mmara nsɛm+Asene sika, sika amapa mpo.+ Mmebusɛm 3:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 ɛfiri sɛ ɛyɛ ahonyadeɛ sene dwetɛ, na n’aba sene sika.+ Mmebusɛm 16:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Nyansa nya deɛ, O hwɛ sɛdeɛ ɛyɛ sene sika!+ Na nteaseɛ, sɛ obi fa a, ɛyɛ sene dwetɛ.+ Mmebusɛm 20:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Sika wɔ hɔ, na mmota pii nso wɔ hɔ; nanso nimdeɛ ano yɛ anwenneɛ a ne boɔ yɛ den.+