Hiob 28:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wɔrentumi mfa sika amapa nsesã,+Na wɔrentumi nkari dwetɛ ntua ka. Mmebusɛm 8:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Momfa me ntenesoɔ, na ɛnyɛ dwetɛ, ne nimdeɛ, na ɛnyɛ sika amapa.+ Mmebusɛm 16:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Nyansa nya deɛ, O hwɛ sɛdeɛ ɛyɛ sene sika!+ Na nteaseɛ, sɛ obi fa a, ɛyɛ sene dwetɛ.+