Mmebusɛm 3:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Ɛsom bo sene mmota,+ na afɛfɛdeɛ foforɔ biara a wowɔ ne no nsɛ. Mmebusɛm 8:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Momfa me ntenesoɔ, na ɛnyɛ dwetɛ, ne nimdeɛ, na ɛnyɛ sika amapa.+ Ɔsɛnkafoɔ 12:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɔsɛnkafoɔ no nyansa+ nyinaa mu no, ɔsan kyerɛkyerɛɛ ɔman no daa+ maa wɔnyaa nimdeɛ, na ɔdwendwenee nneɛma ho yɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri,+ na ama watumi ahyehyɛ mmebusɛm pii yie.+ Efesofoɔ 4:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Mommma asɛm a aporɔ mmpue mmfiri mo anom,+ na mmom asɛm biara a ɛyɛ ma nkɔsoɔ a ɛhia, na ɛde nsɛm a mfasoɔ wɔ soɔ ama atiefoɔ.+
9 Ɔsɛnkafoɔ no nyansa+ nyinaa mu no, ɔsan kyerɛkyerɛɛ ɔman no daa+ maa wɔnyaa nimdeɛ, na ɔdwendwenee nneɛma ho yɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri,+ na ama watumi ahyehyɛ mmebusɛm pii yie.+
29 Mommma asɛm a aporɔ mmpue mmfiri mo anom,+ na mmom asɛm biara a ɛyɛ ma nkɔsoɔ a ɛhia, na ɛde nsɛm a mfasoɔ wɔ soɔ ama atiefoɔ.+