25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wobɛkum ɔteneneeni aka ɔbɔnefoɔ ho ama no awie ɔteneneeni sɛ ɔbɔnefoɔ!+ Worentumi nyɛ saa da.+ Asase nyinaa temmufoɔ no renyɛ deɛ ɛtene anaa?”+
31 Ɛfiri sɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bɛbu asase atɛn+ wɔ tenenee mu, na wanyane+ no afiri awufoɔ mu de ayɛ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”
4 Hwan ne wo a wobu obi fie somfoɔ atɛn?+ Ɔno ara ne wura anim na ɔgyina anaasɛ ɔhwe aseɛ.+ Nokorɛm no, wɔbɛma no agyina, ɛfiri sɛ Yehowa bɛtumi ama no agyina.+