Dawid awerɛhoɔ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti, ɔto maa Yehowa.
7 O Yehowa me Nyankopɔn,+ wone me dwankɔbea.+
Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam, na gye me nkwa,+
2 Na obi antete me kra asinasini sɛdeɛ gyata yɛ no,+
Na ɔgyefoɔ a ɔnni+ hɔ nti wɔanhwim me ankɔ.
3 O Yehowa me Nyankopɔn, sɛ mayɛ bɔne bi,+
Na sɛ adebɔne bi wɔ me nsam a,+
4 Sɛ mede bɔne atua deɛ wayɛ me papa so ka,+
Anaa mafom obi a ɔtan me kwa nneɛma a,+
5 Ɛnneɛ ma ɔtamfo ntaa me kra+
Na ɔnkye me na ɔntiatia me nkwa so wɔ fam
Na ɔmma m’animuonyam ntena dɔteɛ mu. Sela.
6 O Yehowa, sɔre w’abufuo mu ɛ;+
Sɔre tia wɔn a wɔhiahia me ho na wɔtan me,+
Nyane ma me,+ ɛfiri sɛ woahyɛ sɛ wɔmmu atɛntenenee.+
7 Ma amanaman badwa ntwa wo ho nhyia,
Na san foro soro na wo ne wɔn nni.
8 Yehowa na ɔbɛbu aman atɛn.+
O Yehowa, bu me atɛn, sɛdeɛ me tenenee teɛ+
Ne sɛdeɛ me nokorɛdie+ teɛ.
9 Mesrɛ wo, ma nnebɔneyɛfoɔ bɔne mmra awieeɛ,+
Na ma ɔteneneeni ase ntim;+
Tenenee Nyankopɔn+ no na ɔhwehwɛ akoma+ ne asaabo+ mu.
10 Me kyɛm wɔ Onyankopɔn nsam,+ akoma mu teefoɔ+ Gyefoɔ no.
11 Onyankopɔn yɛ Ɔtemmufoɔ a ɔtene,+
Na Onyankopɔn hwie afobusɛm gu daa.
12 Sɛ obi ansakra a,+ Ɔbɛse ne nkrantɛ,+
Ɔbɛkoa ne tadua mu, na ɔbɛsiesie ato.+
13 Ɔbɛsiesie owuo akodeɛ;+
N’agyan nso, ɔbɛyɛ no gyaframa deɛ.+
14 Hwɛ! Obi nyem bɔne;+
Wanyinsɛn ɔhaw, enti nkontompo na ɔbɛwoɔ.+
15 Wabɔ amena, na watutu mu;+
Nanso amena a watuo no, ɔno ara na ɔbɛhwe mu.+
16 Ɔno ara ne tiri so na ne haw bɛba,+
Na n’apampam na ne basabasayɛ bɛba.+
17 Mɛkamfo Yehowa, ne tenenee nti,+
Na mɛto dwom ama Ɔsorosoroni+ Yehowa din.+